Bayie
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu Bayie yɛ tumi a Akanfoɔ gye di sɛ wɔtumi de sɛe adeɛ na wɔtumi nso de yɛ adeɛ yie.
Tete no na Akanfo hunu bayieɛ tumi a, nnipa ahodoɔ de di dwuma bɔne tia afoforo. Na Akanfo gyidi sɛ abayifoɔ wɔ ani bɔne a wɔde hunu nnipa hyɛberɛ , na wɔsɔre tia wɔn a, ɛwɔ animuonyam anaa abusua a sika wo mu. Tete no na bayifoɔ tumi ne ahonhom ahodoɔ ka bom di dwuma. Akanfoɔ gye di sɛ abayifoɔ tumi we nipa nam.[1][2]
Deɛ Wɔtumi Gyina so De Bɔ Obi Bayie
[sesa]Mpɛn pii no, wɔtaa gye di sɛ mmaa ne mmarima mpanimfoɔ na wɔyɛ abayifoɔ. Nneyɔeɛ bi wɔ wɔ na sɛ obi da no adi a wɔtumi gyina so ka sɛ ɔyɛ bayifoɔ. Wɔtaa hunu mmaa aniadenfoɔ sɛ wɔyɛ abayifoɔ. Wɔhunu mmaa a wɔtumi yɛ deɛ mmarima yɛ sɛ wɔyɛ abayifoɔ[3].
Ɛnnɛ yi, ebinom gye di sɛ bayie da so wɔ hɔ; Ɛbinom nso nnye nni sɛ ɛwɔ hɔ. Wɔn a wɔgye die no nnyinasoɔ ne sɛ, wɔahunu nniapa a aduro akye wɔn ama wɔaka wɔn anom nsɛm pɛn. Wɔn a wɔnnye nni no, ɛyɛ a na wɔtaa yɛ nkorɔfoɔ a wɔanya wɔn ho.
Kwan a Wɔfa so Nya Bayie[4]
Wɔtumi de bayie fa aduane mu, akyɛdeɛ bi te sɛ ataadeɛ, ntoma, mpaboa ne agudeɛ mu ne agyapadeɛ mu de ma obi
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Witches and Wizards :: The Culture of Ghana, retrieved 2025-08-04
- ↑ Mensah Adinkrah (2015-08-01), "Chapter 2 WITCHCRAFT BELIEFS IN GHANA", Witchcraft, Witches, and Violence in Ghana (in English), Berghahn Books, pp. 53–107, doi:10.1515/9781782385615-005/pdf?licensetype=restricted#:~:text=although%20typically%20regarded%20as%20a,harm%20to%20the%20intended%20victims., ISBN 978-1-78238-561-5, retrieved 2025-08-04
{{citation}}: Check|doi=value (help) - ↑ Mensah Adinkrah (2015-08-01), "Chapter 2 WITCHCRAFT BELIEFS IN GHANA", Witchcraft, Witches, and Violence in Ghana (in English), Berghahn Books, pp. 53–107, doi:10.1515/9781782385615-005/pdf?licensetype=restricted#:~:text=although%20typically%20regarded%20as%20a,harm%20to%20the%20intended%20victims., ISBN 978-1-78238-561-5, retrieved 2025-08-04

{{citation}}: Check|doi=value (help)