Jump to content

Banmu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Banmu yɛ beaeɛ a Akanfoɔ sie wɔn ahemfo ne wɔn ahemaa[1].

Akan amammerɛ mu no, wɔde obuo ne nidie a ɛsɛ fata ma wɔn akannifoɔ. Ne saa nti nyɛ beaeɛ biara na wɔtumi sie wɔn. Wɔn sie mu no, wɔte wɔn firi baabi a wɔsie ankorankorɛ no ho. Saa beaeɛ no yɛ baabi soronko a wɔasiesie ama adehyeɛ yi nko ara[2].

Mmara a Ɛfa Saa Beaeɛ yi ho.

[sesa]

Wɔwɔ ɔhene a ɔno na ɔhwɛ beaeɛ a wɔsie ahemfo ne ahemaa no so. Saa nipa yi na wɔfrɛ no banmuhene. Ɛhɔ asiesie ne adeɛ nyinaa hyɛ ne nsa. Banmuhene ne ahemfo mmaakommaako bi na wɔtumi kɔ hɔ. Obi ntumi nkɔ hɔ wɔ berɛ a ɔnyɛ ɔhene anaa n'ahemfo a wɔtumi kɔ hɔ no mu baako. Bio, wɔwɔ ahemfo a wɔwɛn beaeɛ a ɛte sei[3].

Deɛ Nti a Wɔsie Ahemfo wɔ Banmu

[sesa]

Banmu yɛ biaeɛ bi a nyɛ obiaa na ɔtumi kɔ hɔ. Wɔwɔ awɛnfoɔ a wɔwɛn hɔ. Ɛbinom susu sɛ sika kɔkɔɔ a wɔde sie ahemfo no nti na wɔmpɛ sɛ wɔsie wɔn baabiara kɛkɛ a obiaa tumi kɔ. Afoforɔ nso ka sɛ ɛyɛ nidie soronko a wɔpɛ sɛ wɔde ma wɔn no nti na wɔyɛ no saa[4][5].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Robert Osei-Bonsu (2021-05-17), "Funeral Rites among the Akans of Ghana: A Biblical Response", Asia-Africa Journal of Mission & Ministry, doi:10.21806/AAMM.2018.17.04, retrieved 2025-08-24
  2. Nii O. Quarcoopome (2017-01), "Akan Funerary Arts in Terra-cotta", Bulletin of the Detroit Institute of Arts, vol. 91, no. 1–4, pp. 74–85, doi:10.1086/DIA910074, ISSN 0011-9636, retrieved 2025-08-24 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. eHRAF World Cultures, retrieved 2025-08-24
  4. Nii O. Quarcoopome (2017-01), "Akan Funerary Arts in Terra-cotta", Bulletin of the Detroit Institute of Arts, vol. 91, no. 1–4, pp. 74–85, doi:10.1086/DIA910074, ISSN 0011-9636, retrieved 2025-08-24 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Robert Osei-Bonsu (2021-05-17), "Funeral Rites among the Akans of Ghana: A Biblical Response", Asia-Africa Journal of Mission & Ministry, doi:10.21806/AAMM.2018.17.04, retrieved 2025-08-24