Bakatue Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Bakatue Afahyeafahyɛ a ahenfo ne wɔn nkorɔofo a wɔn wɔ Elmina a ɛwɔ Mfinfin mantam no di. Afahyɛ no hyɛɛ ase wɔ tete bɛyɛ afe 1847 mu, na wodi saa afehyɛ yi wɔ Benada a edikan wɔ bosome a ɛtɔ so nson mu wɔ afe biara.

Afahyɛ no[sesa]

.Abrɔfo a wɔne Dutch no adikan aka afehyɛ no ho asɛm ato hɔ anyɛ yie koraa bɛyɛ afe 1847 na wɔ amaneɛbɔ bi a okandifo Cornelis Nagtglass kaa wɔ afe 1860 mu no, ɔkaa ho asɛm. Afashyɛ no yɛ nea wɔde hyɛ bre a wɔde yi nsuomnam wɔ Elmina ase. Edin ‘’Bakatue’’ yɛ nea wonyaa firi Fante Kasa a n’asekyerɛ ne ‘’Baka a wɔtwe mu nsuo’’. Afahyɛ no yɛ nea wɔde de kae bre a abrɔfo a na wodi Gold Coast so, a na wɔyɛ Porteguess no de Elmina sii hɔ. Wɔ san nso fa afahyɛ no so da wɔn abosom no ase sɛ w’ama wɔn afe pa ma wotumi yii nsumnam pii.

Dwumadie ahorɔw[sesa]

Elmina ahenfo no ayi Dwoada ne Benada a edikan wɔ bosome Kitawonsa bosome no mu asi hɔ a wɔde hyɛ fa no.

Dwoada[sesa]

Amammerɛ ne amaneɛ ahorɔw a ɛho hia nyina yɛ ade a wɔyɛ no wɔ saa da yi.

Benada[sesa]

File:Edina Bakatue festival.jpg
mmaa a wotwe kudo wo Baka no so

ɛne nsutɔbre a esi wɔ afe biara mu no hyia wɔ Ghana. Benada yɛ da a w’apaw esiane ne sɛ wɔgyedi sɛ saa da no yɛ nsuo mu bosom no da. Ne saa nti, Elmina ne apopofo a wɔn wɔ Ghana mpoano nyinaa yɛ nea wɔnko po da Benada, wɔde saa da no hyɛ abosom no anuonyam. Wɔ afahyɛ da no, ɔmahene ne ahenfo a wɔhyɛ n’ase ne Elmina man no nyinaa bomu yɛ aduane krokrɔn a ɛne kosua ne bayerɛ a wɔde afra ngo kokɔɔ de koma Nana Brenya, a ɔyɛ nsuo bosom no, na wogu nsa de srɛ asomdwoe. Wɔ afahyɛ no da a ɛyɛ anɔpa no, Elmina adehyeɛ abusua no nyinaa   a nkonwa soafo nso ka ho, to santene fa kuro no mu; ahenfo a wofiri nkuro akeseɛ mu no yɛ nea wɔtenatena wɔn apakan a w’asiesie ho kama no mu. Sɛ wonante fa kuro no mu wie na ahenfo a w’apaw won ne nnipa titeriw a w’aba afahyɛ no ase de wɔn nsɛm bɛto dwa wie a, ɔmanhene no bɛto n’asau no ato Brenya Baka no mu mprensa. Eno akyi no, wɔde pae mu ka de bra a w’abra nsumnamyie, twenebɔ, ayiyɛ ne nneɛma a ɛte saa no ba n’awiee wɔ Elmina man no mu, nea edi eyi akyi ne mmaa a wɔhyɛ kente na wɔbɔ afahyɛ no abɔtire soronko betwi kodoɔ wɔ Baka no so. Adehyeɛ santene, nwomato, twenebɔ ne asaw a ɛde kɔ ɔman hene fie no de afehyɛ no ba awie. Nusumnam a wonyaa no afahyɛ bre no nyina yɛ nea wɔde bɔ afɔre ma abosom no de da wɔn ase. Wɔde da no ba awie wɔ adwabɔ

Nkekaho[sesa]