Jump to content

Baelingualism

Ɛfi Wikipedia

Baelingualism yɛ tebea a ankorɛankorɛ anaa ɔman bi wɔ ɔkasa mmienu anaa deɛ ɛboro saa ho nimdeɛ na wɔde saa kasa mmienu yi ho nimdeɛ di dwuma wɔ wɔn daa daa asetena mu. [1]Baelingualism yɛ tebea bi a ɛwɔ sɛdeɛ obiara hunu no. Ɛbinom ka sɛ, baelingualism rentumi nyɛ ɔkasa mmienu nko ara ho nimdeɛ a obi wɔ na mmom ɛbɛtumi ayɛ ɔkasa a ɛboro mmienu anaa dodoɔ biara onipa no wɔ ho nimdeɛ.[2] Yei nti, baelingualism bɛtumi ayɛ ankorɛankorɛ bi nimdeɛ a ɔwɔ wɔ ɔkasa mmienu anaa deɛ ɛboro saa ne sɛdeɛ wɔde kasa ahodoɔ yi nyinaa di dwuma.

Baelingualism ahodoɔ

[sesa]

Baelingualism gu mu ahodoɔ mmienu. Deɛ ɛdi kan ne baelingualism a ɛsi prɛko pɛ (simultaneous bilingualism). Yei si wɔ berɛ a wɔawo abɔfra bi ato kasa abien bi mu. Eyi boa ma abofra no sua ɔkasa abien no nyinaa wɔ berɛ koro no ara mu. Baelingualism a ɛtɔ so mmienu yɛ baelingualism a ɛba akyiri. Yei si wɔ berɛ a abɔfra bi anya mfeɛ nsia (6) de kɔ nson (7) mu na ɛho bɛhia sɛ ɔsua ɔkasa foforɔ bi de ka deɛ ɔnim dedaw no ho. Nhwɛsoɔ ne sɛ, sɛ abofra bi wɔ ɔkasa bi ho nimdeɛ na ɛsiane sɛ n’awofoɔ atu akɔtena baabi foforo a ehia sɛ abofra no sua beae foforɔ yi kasa ka deɛ ɔnim deda no ho. [3]

Baeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.sid.ir/EN/VEWSSID/J_pdf/1024220110205.pdf
  2. "The Description of Bilingualism *", Taylor & Francis (in English), 2005-08-16, doi:10.4324/9780203975107-28/description-bilingualism-william-mackey, retrieved 2025-09-01 {{citation}}: line feed character in |title= at position 32 (help)
  3. https://www.ijhsss.com/files/16.-Hamzeh-Moradi_6813z4a4.pdf