Jump to content

Bɔmframa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Bɔmframa yɛ nneɛma a ɔbɔfoɔ de ka ne ho kɔyɛ ha no mu baako[1].

Ɛyɛ nso a ɔbɔfoɔ rekɔ ha a, ɔhu hwɛ baabi a mframa no ani kyerɛ. Ɛtumi yɛ asra anaa onyina nso. Sɛ ɔbɔfoɔ hunu mmoa wɔ baabi a, na wahu ahwɛ faako a ɛbɛkɔ no yie, na akyerɛ no deɛ mframa no bɔ kɔ. Sɛ ɛbɔ ba deɛ ɔwɔ no a, na ɛkyerɛ sɛ ɔgyina yie. Mmoa no nte ne ho hwa nawɔadwane. Sɛ ɛbɔ kɔ beaeɛ a mmoa no anamɔn bobɔ no a, na kyerɛ sɛ ɔnnyina yie ɛsiane sɛ ne ho hwa bɛbɔ akɔ wɔn so. Wɔbɛte, ahunu sɛ obi wɔ hɔ. Ɛkɔba no saa a, wɔbɛtumi adwane[2].

Deɛ nti a wɔde dua pɔtee bi (onyinaa) nso na ɛtaa yɛ no ne sɛ, onyina yɛ dua bi a, ne nnyen mu nyɛ duru saa[3]. Ɛno nti, ne nso mu nyɛ duru. Yei boa ma mframa no tumi hu no yie ma ɔbɔfoɔ no hunu baabi a mframa no ani kyerɛ[4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-24
  2. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-24
  3. Google Scholar, retrieved 2025-08-24
  4. Google Scholar, retrieved 2025-08-24