Jump to content

Ayiyɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ayiyɔ yɛ amanneɛ a wɔyɛ ma owufoɔ de gya no kwan firi ateasefoɔ mu kɔ asamando. Sɛ onipa bi wu a, n'abusuafoɔ hyɛ aseɛ bobɔ nkorɔfoɔ ne abusuafoɔ a wɔwɔ akwantuo mu no amanneɛ. kayerɛ wɔn deɛ asie. Sɛ wɔbɛse ɔhene bi ayie a, wɔde nsa na ɛse no ayie. Afei Abusuafoɔ tena ase dwendwene da a wɔbɛyɛ owufoɔ no ayie. Berɛ a na amukorabea mmaeɛ no, na wɔmma amu nna hɔ nkyɛ. Obi wu a, akyɛ ara ne nnawɔtwe, ɛsɛ sɛ wɔtumi sie no. Nnaawɔtwe no mu no, wɔde nhaban bi te sɛ akyampɔn ne ade gu ne so, yam bi de nsuo fra, na wɔde agu n'anom atwi ne bo ara de kɔsi sɛ ɛbɛkɔ ne yam.[1]

Ɔda hɔ no, n'ayie ne ne sie ho ntotoeɛ a wɔbɛyɛ no na wɔfrɛ no dɔteyie. Adeɛ rebɛkye ama wɔapɛ ne koraberɛ a, ɛɔsiri pɛ. Adeɛ kye a, wɔbue ne so ma nkorɔfoɔ bɛsu no. Saa berj no nyinaa na wɔregye adesiedeɛ. Wɛgye adesiedeɛ wie a, wɔde ne to adaka mu kɔsie no.[1]

Mma asɛdeɛ wɔ ayiyɔ mu

[sesa]

Wɔn na wɔtɔ adaka. Sɛ mmɔfra no susua a wɔrentumi ntɔ adaka a, wɔn abusua yɛ ma Wɔbubu wɔn na anaa wɔn agya bɔwerɛ siesie ne ho ansa na wɔadware no. Wɔrebɛdware no a, ne ba panin na ɔdi kan tu nsuo gu ne so.[1]

NNA-Bɔ

Abusuapanin anaa ayipasofoɔ no de nsa kɔse mmerantehene ayie, srɛ ne

mmeranteɛ ma wɔkɔbɔ da a wɔbɛsie owufoɔ no wɔ mu.[1]

Hwɛ

[sesa]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 3 4 Osei-Mensah Aborampah (1999), "Women's Roles in the Mourning Rituals of the Akan of Ghana", Ethnology, vol. 38, no. 3, pp. 257–271, doi:10.2307/3773817, ISSN 0014-1828, retrieved 2025-08-28