Jump to content

Ayetɛ Awareɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ wɔ awareɛ ahodoɔ beberee a wɔgye to mu. Awareɛ ahodoɔ yi mu biara wɔ nnyinasoɔ bi a ɛma wɔhu no sɛ ade pa. Awareɛ yi nyinaa wɔ mfasoɔ papa bi a ɛma no di mu, mmom, sɛdeɛ bɔnwoma bata brɛboɔ ho no nti, ɛduru baabi a ɛmu bi tumi nya sintɔ bi. Akanfoɔ awareɛ ahodoɔ no mu baako a mɛka ho asɛm ne Ayetɛ awareɛ.[1]

Nkyerɛkyerɛmu

[sesa]

Sɛ yɛka sɛ Ayetɛ awareɛ a, ɛne sɛ wɔde ɔbaa bi rekɔ si ɔbaa foforɔ anan wɔ awareɛ ase. [2]Sɛ ɔbaa bi wɔ awareɛ ase na ɔfiri mu a, wɔtumi kɔfa ɔbaa firi saa abusua korɔ no mu ara ma ɔbɛhyɛ deɛ wawuo no anan.[3] Wei na wɔfrɛ no ayetɛ awareɛ no. Saa awareɛ yi, ahemfo na ɛyɛ. Wɔ Akanman mu no, wɔtaa ka sɛ wɔde ɔbaa no "atɛ" deɛ wafiri mu no anan mu.[4]Na mpɛn pii no, ɛyɛ animuonyamhyɛ sɛ wɔbɛfrɛ ɔbaa bi sɛ ɔheneyere. Yei nti na saa akwanya no bɛda hɔ a wɔnpopo wɔn ti no.Na ɛnnɛ yi no,ɛsiane anibie ne nwomasua dodoɔ nti, saa awareɛ yi nni hɔ bio.[5]

Deɛ Enti A Wɔyɛ Saa Awareɛ Yi

[sesa]

Wɔ Akanman mu no, na wɔyɛ saa awareɛ yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a efie bi a wɔaware ɔbaa bi wɔ hɔ no,awareɛ no bɛka hɔ a ɛnkɔ abusua foforɔ mu.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. OBIBINI TV STUDIO (2021-04-07), TYPES OF AKAN MARRIAGES WE HAVE IN GHANA, retrieved 2025-07-03
  2. PAK TV GH (2020-12-25), AYETƐ AWARƐ, retrieved 2025-07-03
  3. Mabesh Television (2022-11-10), TETE NE NNƐ IS LIVE WITH KWA ANHWERE [TOPIC: AYETƐ & KUNA AWAREƐ], retrieved 2025-07-03
  4. Aware—Nea Ɔhyehyɛe ne N’atirimpɔw| Adesua, retrieved 2025-07-03
  5. AsanteTwi: Akanfoɔ Amammerɛ | Awareɛ | Marriage, retrieved 2025-07-03