Ayeduase
Appearance
Ayeduase yɛ kuro bi a ɛwɔ Kumase kuropɔn mu a ɛyɛ dua din. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, kane no na ɛfiri Oforikrom de ba Kotei nyinaa yɛ kwaeɛ.[1] Na ɔbɔfoɔ bi kɔ ahayɔ a na wakɔgye nahome wɔ ayɛ dua kɛseɛ bi ase. Ɔbɔfoɔ yi hunuu sɛ faako a ɔkɔgye n'ahome no yɛ baabi pa a ɔbɛtumi ne n'abusua abɛtena abɔ wɔn bra.[2]
Ɛno nti ɛyɛɛ kakra no na nnipa redɔɔso a na ɛhɔ retrɛ no, ɔbɔfoɔ no ne n'abusuafoɔ yɛɛ wɔn adwene sɛ wobɛtu akɔtena saa ayɛ dua bi no ase a na ɔbɔfoɔ no kɔgye n'ahome no.[3] Ɔbɔfoɔ yi ne ne yere tu kɔtena hɔ no afoforɔ nso bɛkaa wɔn ho maa ɛhɔ bɛyɛɛ kuro kɛseɛ. Wei na maa yɛbɛnyaa din Ayeduase no. Ayeduase bɛn Kotei wɔ Asante mantan.[4]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-03
- ↑ GhanaRegions.com (2022-01-19), Ashanti Region (in American English), retrieved 2025-09-03
- ↑ Ayeduase (in English), retrieved 2025-09-03
- ↑ Ayeduase in Ghana | Facts and Information about Ayeduase - Places-in-the-World.com, retrieved 2025-09-03