Jump to content

Awurama Badu

Ɛfi Wikipedia
Awurama Badu
Awo bere1945 Banko, Sekyere-Apueeɛ Mansini mu, Asante Mantam.
Owu bereAhinime bosome da a ɛtɔ so 26, 2017. Effiduase Aban Ayaresabea, Sekyere-Apueeɛ Mansini mu, Asante Mantam
N'adwumaDwontoɔ

Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Twi mu

Awurama Badu (Ewurama Badu) yɛ Ghana nnwontofo a wɔwoo no wɔ afe 1945 na ofi Banko wɔ Sekyere Kumawu Mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu[1]. Ɔno na na ne din da so wɔ nnwom a na ɔto no ho, na na ɔyɛ Highlife nwomtofo a ɔwɔ ɔdom akyɛde a na ne ho yɛ anika bere a na nnwom adwumakuw no mu dodow no ara yɛ mmarima, na na mmea kakraa bi na wɔpere sɛ wɔbɛkɔ adwuma no mu, sɛnea "Bessa Simons" kyerɛ no[2]. Awurama wɔ mma anan - mmammarima baanu ne mmammaa baanu[3].

Abrabɔ Suahunu ne ne wuo

[sesa]

N'adwuma a etwa to a ɔyɛeɛ wɔ badwam ne afe 2013 mu wɔ Citi FM's anadwo a wɔtoo nnwom wɔ Ghana, a ɛkɔɔ so wɔ National Theatre of Ghana[4].

Wɔ Kitawonsa bosome mu wɔ afe 2017 mu no, Badu yii ne ho adi wɔ badwam berɛ a ɔkɔe GHAMRO Annual General Meeting a ɛtɔ so 2 no wɔ Kwame Nkrumah University of Science.

Badu wuiɛ wɔ Effiduase Aban Ayaresabea wɔ Ashanti mantam mu wɔ Yawda, Ɔbɛnem 26, 2017. Ɛde besi nnɛ, wɔnnim nea ɛde owuo no baeɛ, nanso amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ na ɔdwontoni no ayare pɛn. Ná wadi mfeɛ 72[2].

Hwɛ bio

[sesa]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. ↑ My mother deserves State burial - Awurama Badu's son pleads (in English), 2017-10-31, retrieved 2026-06-16
  2. 1 2 Peace FM Online, Awurama Badu’s Family Devastated By Her Death | General Entertainment | Peacefmonline.com, archived from the original on 2024-07-22, retrieved 2026-06-16
  3. ↑ Lawrencia Larbi-Amoah (2017-11-01), Awurama Badu Deserves State Burial - Son (in American English), retrieved 2026-06-16
  4. ↑ Harriet Edleson (2017-06-02), "House Passes AHCA Bill Amid Protests From APA, Other Groups", Psychiatric News, vol. 52, no. 11, pp. 1–1, doi:10.1176/appi.pn.2017.6a8, ISSN 0033-2704, retrieved 2026-06-16