Jump to content

Awaregyeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ asetena mu no, sɛ ɔbarima a waso awareɛ hunu ɔbaa a ɔpɛ no a, ɛsɛ sɛ ɔne no kasa na ɔsɔ  n'adwene hwɛ. Sɛ ɔhunu sɛ ɔbaa no wɔ ne ho anigyeɛ na ɔsɔ no hwɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔyere pa a afei ɔde asɛm no kɔto ɔno ɔbarima no ankasa awofoɔ ne n'abusuafoɔ anim ne titire no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne papa amanneɛ ɛfiri sɛ Akanfoɔ asetena mu no, ɛyɛ Agya biara asɛdeɛ sɛ ɔware ma ne ba barima.[1]

Deɛ Ɛdi Adanseɛ sɛ Ɔbaa bi aso awareɛ

[sesa]

1. Nwi taa ba ne ho, ne mmɔtoam ne n'ayaase.  Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wɔagoro no bra anaa wɔaka n'ano.

2. Obaa no mpokua taa yɛ akɛseakɛse.

3. Ne sisi akyi taa trɛ, ne to ye akɛseakɛse.

4. Ne honam ani firi aseɛ yɛ sɔɔsɔɔ, toromtorom, fɛfɛɛfɛ.

5. Ͻfiri aseɛ siesie ne ho ne titire adwareɛ afa mu. Ͻpɛ ahodeɛ a ɛbɛma no ahyerɛn wɔ ne mfɛfoɔ mu.

6.Ͻfiri aseɛ de ne ho siesie mmarima ne titire no ne nufu.

7. Ɛsiane ahosiesie nti, sɛ ɔkɔ adwareɛ a ɔtumi kyɛre yie.

8. N'anom kasa nso taa yɛ hwam. Ͻtumi kasa obuo kwan so pɛ nsɛm a ɛyɛ dɛ ka de kyerɛ ne mfɛfoɔ ne titire no mmarima no.

9.Ͻfiri aseɛ de obuo ma mmarima nso.

10. Ͻtaa pamo mmɔfra anaa nnipa bi a wɔnyɛ n'atipɛntoɔ firi ne ho[2].

Deɛ Ɛdi Adanseɛ sɛ Ɔbarima bi aso awareɛ

[sesa]

1.Ne mene mu firi aseɛ yɛ kɛse anaa hontoom.

2. Nwi firi aseɛ ba ne ho, ne mmɔtoam,n’abɔdwesɛ ne ne barima so.

3. Ͻde ahoɔden sononko yɛ n' odeɛ nyinaa ne titire deɛ ɛde sika bɛbrɛ no.

4. Sɛ ɔrekasa a, ɔkasa mmarima so.

5. Sɛ ɔyɛ ahomasoɔ a, ɛfiri saa berɛ no, ɔbrɛ ne ho ase.

6. Ͻde ne ho hyehyɛ mmaa.

7. Ne ho firi aseɛ te. Ͻhyɛ ntaadeɛ papa.

8. N'agya tɔ etuo ma no na ɔsan kyerɛ no ahayɔ

9. Ɛsiane adwumaden a ɔyɛ nti, n'apɔ so firi aseɛ yɛ akɛse ne titire no, ne mmatiri ne n'asrɛ taa yɛ akɛse.

Awaregeɛ wɔ nhyehyɛeɛ pii. Wɔfiri ha, na wɔkɔ ha. Nhyehyɛeɛ no bi na ɛdidi soɔ yi; Awareɛ mu nhwehwɛmu, kɔkɔɔkɔbɔ, Tiri-Nsa, Tiri-Adeɛ, Danta, Akonta-Gye-Si-Kwan, Asekɛtɛ/Tamboba ɛna mpaeɛyie[3].

Nsonsonoeɛ a Ɛda Tete hɔ Awaregyeɛ ne ɛnnɛ Awaregyeɛ

[sesa]

1. Tete mmerɛ mu ndeɛ sɛ ɔware ma ne ba barima nanso ɛnnɛ mmerɛ yi deɛ, ɔba barima no ankasa wɔ tumi sɛ ɔno ara kɔpɛ ɔbaa a ɔpɛ no a, n'awofoɔ nnim ho hwee.

2. Tete mmerɛ mu no ansa na awofoɔ bi bɛpene so ama wɔn ba barima anaa ɔbaa akɔware obi no, gye sɛ abusuakuo no mu biara ahwehwɛ abusua foforɔ no mu sɛ ebia na suban bɔne bi te sɛ korɔnobɔ, awudie, yarebɔne ne nsanom nni saa abusua no mu ansa na wɔapene so ama wɔn adehyeɛ no awareɛ nanso ɛnnɛ mmerɛ yi deɛ, wɔnyɛ nhwehwɛmu biara.

3. Tete mmerɛ mu no na ɔbarima a ɔrekɔware ɔbaa no nhwɛ nnoɔma bi te sɛ nwomasua ho nanso ɛnnɛ mmerɛ a nwomasua ate atese wɔ ɔman yi mu no ansa na ɔbaa anaa ɔbarima bi bɛware no, gye sɛ wahwɛ ɔbarima anaa ɔbaa no nwomasua ho ansa na waware no. Seesei obi a wasua nwoma akɔduru akyiri no pɛ sɛ ɔnya ne sɛso hokani te sɛ ɔno ara pɛ wɔ nwomasua mu ansa waware no.

4. Tete mmerɛ mu no na ɔbarima bi awofoɔ no di kan kɔbɔ kɔkɔɔkɔ wɔ ɔbaa a wɔn ba barima no pɛ sɛ ɔware no no  abusuafoɔ no hɔ ansa na akyire yi wɔakɔtu ɔbaa no tiri nsa ne tiri adeɛ no nanso ɛnnɛ mmerɛ yi deɛ, abusuafoɔ ayi kɔkɔɔkɔ ansa na wɔakɔtu ɔbaa no tiri nsa ne tiri adeɛ no.Seesei deɛ, wɔyɛ ne nyinaa bom prɛko pɛ da koro.

5.  Tete no na ayeforɔhyia biara nni hɔ. Seesei a Nyamesom abɛtim wɔ yɛn asetena mu no nti, akɔyɛ nhyɛ sɛ ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔdɔm Nyamesom fekuo bi no, bɛyɛ ayeforɔ ataa wɔn awaregyeɛ no akyi na ama wɔn Nyamesom fekuo no agye wɔn ato mu sɛ wɔyɛ okunu ne ɔyere ampa wɔ saa Nyamesom fekuo no mu.

6.  Tete mmerɛ mu no na sɛ wɔyɛ awaregyeɛ amanneɛ no wie a, na wɔnyɛ anokeka biara nanso ɛnnɛ mmerɛ yi deɛ, awarefoɔ no ne wɔn abusuafoɔ, wɔn asɔremma ne wɔn namfonom kɔhyia mu to pono kɛseɛ didi san nom nsa ka ho[4][5].

https://www.cambridge.org/core/journals/africa/article/abs/effect-of-western-influence-on-akan-marriage/DFA1F62EE1559CBE48BA1620DC2FB274

chrome-extension://efaidnbmnnnibpcajpcglclefindmkaj/https://www.jurisafrica.org/wp-content/uploads/2021/10/McCabe_v_McCabe-min.pdf

Baabi a Mmoa Firi

  1. Stefano Boni (2002), "The Encompassment of the Autonomous Wife. Hierarchy in Akan Marriage (Ghana)", Anthropos, vol. 97, no. 1, pp. 55–72, ISSN 0257-9774, retrieved 2025-08-21
  2. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  3. Stefano Boni (2002), "The Encompassment of the Autonomous Wife. Hierarchy in Akan Marriage (Ghana)", Anthropos, vol. 97, no. 1, pp. 55–72, ISSN 0257-9774, retrieved 2025-08-21
  4. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  5. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)