Jump to content

Awaregyaeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Awaregyaeɛ ne ɛkwan a ɛnam so de ntetemu ba ɔbaa ne ɔbarima bi a ɛmmerɛ bi a atwam no, wɔnam amammerɛ kwan so aka wɔn abom sɛ ɔyere ne okunu. Awaregyaeɛ ne sɛ ɔbaa bi nam amammerɛ kwan so gyae ɔbarima a wayɛ ne ho adeɛ na ɔne no te hɔ sɛ ɔyere ne okunu.Awaregyaeɛ ne sɛ ɔbarima bi nam amammerɛ kwan so gyae ɔbaa a wayɛ ne ho adeɛ na ɔne no te hɔ sɛ okunu ne ɔyere[1][2].

Nneɛma a Ɔbarima Tumi Gyina so Gyae Awareɛ

[sesa]

1. Sɛ ɔbaa no yɛ bonini na sɛ awoɔ mma a, ɔbarima no tumi gyina so gyae awareɛ no.

2. Korɔnobɔ: Sɛ ɔbaa no nsa ha no nso a, ɛtumi ma ɔbarima no gyae ɔbaa no.

3. Wiakyerɛ: Sɛ ɔbaa no bɔ adwaman na ɔkyerɛ wia a, ɔbarima no tumi gyina so gyae no awareɛ.

4. Saa ara nso na ɔbarima bi bɛtumi agyina akwadworɔ so agyae ɔbaa no.

5. Sɛ ɔbaa no taa bu ne kunu ne ne nsenom nso animtia a, ɔbarima no tumi gyina so gyae ɔbaa no awareɛ.

6. Nnakame: Sɛ ɔbaa no taa de ne ho kame ne kunu no nso a, ɔbarima no tumi gyae ɔbaa no.

7. Bukyia (Mukyiasonamdie): Sɛ ɔwarefoɔ bi afa ne hokafoɔ ho nipa bi.

8. Gyaenam: Tetehɔ no na wɔgyina gyaenam so de gyae awareɛ[3].

Nneɛma a Ɔbaa Tumi Gyina so Gyae Awareɛ

[sesa]

1. Sɛ ɔbarima no ho nni hɔ a, anaa sɛ ɔdɔ benada a ɛkyerɛ sɛ, ɔntumi ne ɔbaa no nwo mma a, ɔbaa no tumi gyae awareɛ no.

2. Sɛ ɔbarima no kame ne yere gyaenam a, ɔbaa no tumi de yɛ gyinyaeɛ gye hyire tetehɔ no. Ɛne sɛ ɛnam bi wɔ hɔ a, Akanfoɔ bu no sɛ ɛdi mu yie wɔ awareɛ mu. Saa ɛnam no bi ne akoko sisi. Ɛsɛ sɛ ɔbaa no na ɔwe saa ɛnam no ma ne sisi mu yɛ mmerɛ nanso ɛsɛ sɛ ɔbaa no de saa ɛnam no to ɔkunu no aduane so na sɛ ɔbarima no dɔ no ampa a, ɔbarima no asan ayi saa ɛnam no de akɔma ɔbaa no awe. Sɛ anyɛ saa na ɔbarima no fa saa ɛnam no we a, na ɛkyerɛ sɛ, ɔnni ɔdɔ biara ma ɔbaa no. Ɔbaa no bɛtumi agyina so de agyae ɔbarima no awareɛ[4].

3. Sɛ ɔbarima no yɛ akwadworɔ na ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ adwumaden de aboa wɔn asetena mu nkɔsoɔ a, ɔbaa no tumi gyina so gyae awareɛ no.

4. Sɛ ɔbarima no yɛ ɔsadweam anaa ɔkorɔmfoɔ a, ɔbaa no tumi fa so gyae awareɛ no.

5.  Sɛ ɔbarima no tu bata gya ɔbaa no hɔ na sɛ ɔkɔhyɛ mu kyɛre mfeɛ bebree na ɔmma ne nkyi a, ɔbaa no tumi gyina so de gyae ɔbarima no.

6. Sɛ ɔbarima no ntumi mmɔ ɔbaa no akɔnhoma a, ɔbaa no tumi gyae awareɛ.

7.  Sɛ ɔbarima no yɛ obi a ɔtu nnuro de di bɔne a.

8.  Sɛ ɔbarima no yɛ owudini a[5].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Joseph Hopper (1993), "The Rhetoric of Motives in Divorce", Journal of Marriage and Family, vol. 55, no. 4, pp. 801–813, doi:10.2307/352763, ISSN 0022-2445, retrieved 2025-08-21
  2. Baffour K. Takyi (2001-02-01), "Marital Instability in an African Society: Exploring the Factors That Influence Divorce Processes in Ghana", Sociological Focus, vol. 34, no. 1, pp. 77–96, doi:10.1080/00380237.2001.10571184, ISSN 0038-0237, retrieved 2025-08-21
  3. Baffour K. Takyi (2001-02-01), "Marital Instability in an African Society: Exploring the Factors That Influence Divorce Processes in Ghana", Sociological Focus, vol. 34, no. 1, pp. 77–96, doi:10.1080/00380237.2001.10571184, ISSN 0038-0237, retrieved 2025-08-21
  4. Joseph Hopper (1993), "The Rhetoric of Motives in Divorce", Journal of Marriage and Family, vol. 55, no. 4, pp. 801–813, doi:10.2307/352763, ISSN 0022-2445, retrieved 2025-08-21
  5. Kwadwo Asafo-Agyei OkrahPh.D. (2003-10-01), "Toward Global Conflict Resolution: Lessons from the Akan Traditional Judicial system", The Journal of Social Studies Research (in English), vol. 27, no. 2, pp. 004–013, doi:10.1177/235227982003027002002, ISSN 0885-985X, retrieved 2025-08-21