Jump to content

Awareɛ mu Nhyehwɛmu

Ɛfi Wikipedia

Akanfoɔ amammerɛ ne sɛ, Agya na ɔware ma ne ba barima a waso awareɛ nanso Akanfoɔ mpere wɔn ho ntutu mmirika mfa wɔn ho nkɔhyɛ awareɛ mu ɛfiri sɛ awareɛ kwan ware[1]. Afei nso awareɛ nte sɛ nsafufuo na wɔakɔka ahwɛ. Ne saa nti na Akanfoɔ to wɔn bo ase hwehwɛ mu yie ansa na wɔde wɔn ho akɔhyɛ awareɛ mu no. Ɛyɛ ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa awofoɔ ne wɔn abusuafoɔ asɛdeɛ sɛ, wɔyɛ saa nhwehwɛmu yi[2].

Botaeɛ

[sesa]

1. Deɛ nti a Akanfoɔ yɛ nhwehwɛmu wɔ awareɛ mu ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔhunu sɛ efie a wɔn dehyeɛ no rekɔwura mu no yɛ efipa a ɛbɛma no anya ahotɔ. Sɛ yɛka ahotɔ a, na sɛbe ɛnyɛ sika na mmom ɛyɛ ɔdɔ, nteaseɛ, anidie ne ahofama a efie hɔ nnipa no bɛnya de ama ɔbaa no wo n'awareɛ akwantuo a ɔrekɔwura mu no.

2. Akanfoɔ yɛ nhwehwɛmu sɛ ɛbɛye a, obi nkɔware ne busuani anaa onipa a ɔne no firi mogya koro.

3. Akanfoɔ mpɛ sɛ wɔn dehyeɛ bɛko awareɛ wɔ abusua bi a yarebɔne bi wɔ mu. Wɔhwɛ se yarebɔne binom te sɛ nsamanwa, ɛdam, ɛtwirɛ ne kwata nni abusua no biara mu.

4.Wɔhwɛ sɛ suban bɔne binom te se awudie, nsanom korɔnobɔ nni abusua no biara mu ansa na wɔapene so ama wɔn adehyeɛ no aware[3].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  2. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  3. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)