Jump to content

Atwerɛ kasadwini

Ɛfi Wikipedia

Atwerɛ kasadwini yɛ kasadwini a wɔatintim agu nwoma mu. Saa kasadwini yi, wɔatintim no nwoma mu nti yɛwɔ deɛ saa dwumadie no firi no anaa ɔtwerɛfoɔ pɔtee. Yɛtumi fa atwerɛ kasadwini so da yɛn nsusuiɛ ne yɛn tirimpɔ a yɛwɔ fa biribi ho adi. Atwerɛ kasadwini tumi fa abrabɔ mu nsɛm a asi ankasa ho, ɛtumi nso yɛ bɔserɛmka kyerɛ sɛ abrabɔ mu nsɛm bi a ɛtumi si ho ne deɛ ɛntumi nsi ho.[1]

Atwerɛ kasadwini ahodoɔ

[sesa]

Atwerɛ kasadwini gu ahodoɔ mmiɛnsa;

Yei ne; Abasɛm / ayɛsɛm, Ahwɛgorɔ ne Anwonsɛm

Atwerɛ Kasadwini su

[sesa]

Atwerɛ kasadwini biara yɛ deɛ yɛatintim agu nwoma mu, anaasɛ deɛ yɛhunu no wɔ abɛɛfo mfidie ne abɛɛfo ntentanfidie so no. Ɛnyɛ biribiara a εwↄ nwoma mu na ɛyɛ atwerε kasadwini yei te saa ɛfiri sɛ, nwomasua nti wↄatintim ano kasadwini ahodoↄ te sε εbε, anansesεm, nnwom ahodoↄ ne deε εkeka ho no nso wↄ nwoma mu sεdeε εbεyε na εnyera, na mmom εnyε atwerε kasadwini. [2]

Afei nso, atwerε kasadwini su baako nso ne sε εwɔ ɔtwerɛfoɔ pɔtee bi. Ͻtwerεfoↄ no ne onipa a watena ase na ↄde ne nimdeε anwono kasa de agu nwoma mu. Ͻno na nwoma no yε ne dea.

Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, atwerɛ kasadwini biara wɔ ɔkenkanfoɔ / akenkanfoɔ. Yei te saa ɛfiri sɛ obiara a ↄbεtↄ nwoma bi anaa ne nsa bεka nwoma bi na wakenkan no yε ↄkenkanfoↄ. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. tps://curriculumresources.edu.gh/wp-content/uploads/2024/11/Literature-In-English_New_LM_Y1_Section-1.pdf
  2. https://ca.indeed.com/career-advice/career-development/literary-genres
  3. https://www.britannica.com/art/literature