Jump to content

Atwerɛ Mu Agyinaeɛ Ahodoɔ (Punctuation Marks)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sɛ obi rekasa a, ɛduru baabi a na w'ahome kakra. Ɛduru baabi nso a na wabrɛ ne nne anaa sɛ nso wama so. Baabi nso a, na wabɔ ne hwene ne adeɛ. [1]Atwerɛ mu, agyiraeɛ ahodoɔ bi wɔ hɔ a wɔde kyerɛ yeinom nyinaa, na ɛsɛ ɛmu biara ne ne dwumadie.[2]Sɛ wogya bi anaa sɛ, woamfa ansi nea ɛsɛ sɛ ɛsi a ɛyɛ mfomsoɔ: na sɛ ɛyɛ nsɔhwɛ mu a ɛbɛtia wo.[3][4]

Agyinaeɛ Ahodoɔ

[sesa]

Osiwieeɛ (Full Stop- (.)

[sesa]

Wɔde kyerɛ sɛ asɛm (ɔkasamu) bi asi.[5]Osiwieeɛ yɛ atwerɛ mu agyinaeɛ titire.[6]

Bio, wɔde kyerɛ sɛ wɔatwa asɛmfua bi tiawa. Nhwɛsoɔ;

  • S.e- sɛ ebia
  • Nhw.- nhwɛsoɔ
  • Krat.- krataa
  • Ow.- owura

Nsanhɔ (Comma- (,)

[sesa]

Ɛba beaeɛ a ɛnne no kɔ fam wɔ nsɛmfua bi akyi;

  • Wokɔ a, mekyea wɔn
  • Ɛhuru a, frɛ me
  • Osuo tɔ oo, antɔ oo, mɛba.[7]

Osisan (Semi- colon- (;)

[sesa]

Saa agyinaeɛ yi ne osiwieeɛ ne nsanhɔ dwumadie no reyɛ akɔ sɛ. Ayɛ ne ho sɛ adantamu bi. Ne dwumadie ne sɛ, wɔde te ɔkasamu mmienu anaa nea ɛte saa, anaa ɔkasamufa titire ne kumaa no ntam, na ɛtumi di dwuma sɛ nkabomdeɛ.[8]Sɛ ebia;

  • Owia rekɔtɔ; wiem adwo
  • Menhyiaa no da; nanso m'ani bɔɔ no so pɛ, mehunuu sɛ ɔyɛ wo ba; enti meyɛɛ no awaawaa atuu; na yɛde ahosɛpɛ kɔɔ fie.

Osiprenu (Colon- (:)

[sesa]

Wɔde te ɔkasamu anaa ɔkasamufa mmienu a nea ɛtɔ so mmienu no kyerɛkyerɛ nea ɛdi kan no mu ntam. Sɛ ebia;

  • Woayɛ adeɛ: woawie adwuma no ntɛm.
  • Woda sɛ ɔnanka: ne nyinaa firi ɔbrɛ dodoɔ.

Ogya Nsɛnkyerɛnne (Apostrophe- (')

[sesa]

Sɛdeɛ edin no kyerɛ no, wɔde hyɛ atwerɛdeɛ bi a wɔagya ananmu. Sɛ ebia;

  • M'aba a meduaeɛ no afifi.
  • W'adwumayɛ yɛ me fɛ.

Mmisaeɛ (Question mark-(?)

[sesa]

Edin no kyerɛ ne ho ase: ɛkyerɛ asɛmmisa. Sɛ ebia;

  • Wo ho te sɛn?
  • So Ɔsɛe bɛnya akɔ Kumase sɛdeɛ ɔkaeɛ no?

Bio, sɛ w'adwene mu yɛ wo naa wɔ asɛm bi a woretwerɛ ho a, wotumi de saa mmisaeɛ agyinaeɛ yi si ho de kyerɛ sɛ wonnye nea woreka no nni papa. Nhwɛsoɔ ne; Ɔbaa ha Woada?

Nteamudeɛ (Exclamation mark-(!)

[sesa]

Wɔde saa agyinaeɛ yi kyerɛ nteamu, anigyeɛ, abufuo, ahodwiri, ne ɔhyɛ. Sɛ ebia;

  • Aa!
  • Bra ha!
  • Afua bɛhwɛ!
  • Mawu Afia!

Nkahyɛmdeɛ (Bracket- ()

[sesa]

Wɔde ɔkasamu bi a ɛhyɛ mmienu ntam na ɛkyerɛkyerɛ baako mu, anaa sɛ mpo ɛne no nni twaka biara no hyɛ saa agyinaeɛ yi ntam. Sɛ ebia;

  • Sɛ akokɔ bɔn anadwo a (yɛn gyidie no no) ɛyɛ mmusuo.
  • Wɔyɛɛ ho biara (nea ɔka kyerɛɛ me no no) nanso anyɛ yie.

Bio, wɔde kyerɛ sɛ asɛm bi a ɛhyɛ mu no yɛ foforɔ bi a ɛdi animu no nnanemu anaa sɛ ɛne ne nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Nhwɛsoɔ ne Gyata ho yɛ hu kyɛn (ɔsebɔ).

Nkatomdeɛ (Inverted commas- (" ")

[sesa]

Ɛkyerɛ sɛ asɛm a ɛhyɛ ntam no yɛ nea obi aka pɛpɛɛpɛ. Sɛ ebia;

  • Mpanin se, "som wo ho nyɛ akoa".
  • Akyekyedeɛ se, "nsa kɔ na nsa aba".

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 26 Types of Punctuation Marks & Symbols (in American English), 2022-03-31, retrieved 2025-07-24
  2. Tanvi Sarnaik (2025-06-16), 14 Punctuation Marks: A Guide on How to Use with Examples! (in American English), retrieved 2025-07-25
  3. https://www.turito.com/learn/english/types-and-uses-of-punctuation-marks?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-24 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  4. A Quick Guide to Punctuation (in American English), retrieved 2025-07-25
  5. What Are The 14 Punctuation Marks You Need To Know? | UoPeople (in American English), 2021-05-03, retrieved 2025-07-24
  6. What Are the 16 Punctuation Marks in English Grammar? (in English), retrieved 2025-07-25
  7. Full List of Punctuation Marks & How to Use Them (in English), 2025-01-29, retrieved 2025-07-24
  8. The most common punctuation marks in English Ghana (in English), retrieved 2025-07-24