Atosɛm Anwonsɛm(Narative Poetory)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Atosεm Anwonsεm yԑ anwonsԑm a wↄatwerԑ no te sԑatwerԑtoam anaa ayεsεm a ԑde abasԑm bi to dwa anaa ԑka abasԑm bi. Ԑwↄ nhyehyԑeԑ a ԑtaa ma yԑhunu sԑdeԑ berε bi mu nsԑm teԑ.
Nhyehyɛeɛ
[sesa]Nhyehyԑeԑ no yԑ nnidisoↄ na ԑma yԑhunu sԑdeԑ ԑmu akodie sisiiԑ.[1] Atosԑm anwonsԑm yi nso gu mu ahodoↄ; yԑwↄ akunini anwonsԑm (epic poem), nnwontoↄ anwonsԑm (ballad poem) ne abↄdeԑmunsԑm anwonsԑm (romantic poem)[2]
Esiane sԑ ԑte sԑ abasԑm no nti, ԑtaa nya agofomma titire ne agofomma nkumaa ԑnna afei ԑtaa nya beaeԑ ne berԑ. Su ahodoↄ a ԑda adi wↄ anwonsԑm mu nyinaa nso puepue wↄ saa anwonsԑm yi mu. Ԑwↄ nnyegyeeԑ nsisisoↄ nhyehyԑe (rhyme scheme), Ԑnne nsisisoↄ (rhythm), adwene mu mfoni (imagery), nnyegyeeԑ- sԑ-adwne (ideophones) ne ade.Yԑhunu saa atosԑm anwonsԑm yi bi wↄ nwoma Oguaa Aban ne Ͻnantefoↄ mu.[3]
Sԑ wokenkan Ͻnantefoↄ mu yie a, wobԑhunu sԑ ԑyԑ abasԑm nanso ↄtwerԑfoↄ no atwerԑ no anwonsԑm kwan so. Esiane sԑ atosԑm anwonsԑm de abasԑm bi to dwa nti, yԑtumi nya atosԑm a ԑyԑ tiawa ԑnna deԑ ԑyԑ tenten.[4][5]
Baabi a mmoa firi
[sesa]- ↑ What Is a Narrative Poem? 3 Different Types of Narrative Poems With Poetry Examples - 2025 (in English), retrieved 2025-09-22
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22
- ↑ Chris Heckmann on (2025-02-04), Different Types of Poems and Poem Structures — A Writer’s Guide (in American English), retrieved 2025-09-22
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22
- ↑ Chris Heckmann on (2025-02-04), Different Types of Poems and Poem Structures — A Writer’s Guide (in American English), retrieved 2025-09-22