Atonodwom
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Atonodwom yɛ dwom a atomfoɔ to de kanyan wɔn ho berɛ a wɔreyɛ adwuma[1][2].
Atonodwuma
[sesa]Atonodwuma/Atoonoo nso yɛ Akanfoɔ nnwuma no mu baako. Sɛdeɛ Akanfoɔ nnwuma ahodoɔ si teɛ no, nnwom mpa mu ɛsiane sɛ ɛno na akanyan odwumayɛni no ma no nya ahoɔden de kɔ so yɛ adwuma no.
Atonodwuma yɛ wɔn a wobobɔ nnade so no. Ne saa nti wɔfrɛ wɔn a wɔyɛ saa adwuma yi sɛ atomfoɔ. Atonodwom yɛ nnwom bi a ɔtomfoɔ bi to anaa wɔto de ma ɔtomfoɔ ma no nkanyan de toa n’adwuma so a ɔnte brɛ. Wɔto bi nso de kyerɛ nneyɛeɛ a ɛkɔ so wɔ atono adwuma no mu[3].
Nhwɛsoɔ
[sesa]Atonodwom yi bi na ɛdi so yi:
Hwɛ deɛ ɔtomfo bi reyɛ
Hwɛ deɛ ɔtomfo di reyɛ
Ɔrebɔ ne dade so oo
Pan! Pan! Pan!
Ama se, Kofi woakae me oo
Yɛbɛkɔ ɔtomfo no fi hɔ
Hwɛ deɛ ɔtomfo bi reyɛ
Hwɛ deɛ ɔtomfo di reyɛ
Ɔrebɔ ne dade so oo
Pan! Pan! Pan![4]
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Kwame Y. Daaku (1971), "History in the Oral Traditions of the Akan", Journal of the Folklore Institute, vol. 8, no. 2/3, pp. 114–126, doi:10.2307/3814101, ISSN 0015-5934, retrieved 2025-08-24
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-24
- ↑ Kwame Y. Daaku (1971), "History in the Oral Traditions of the Akan", Journal of the Folklore Institute, vol. 8, no. 2/3, pp. 114–126, doi:10.2307/3814101, ISSN 0015-5934, retrieved 2025-08-24
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-24