Ataa Oko
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ataa Oko Addo (Ne awoɔ mmerɛ ne berɛ a ɔwuuiɛ 1919 – 9 Ɔpɛnnima 2012)[1] na ɔyɛ Ghanani a ɔwene apakan ne efunnaka a n’adwinnie no nyina gyina hɔ ma biribi, na ɔnyaa mfeɛ bɛyɛ aduowɔtwe no ɔbɛyɛɛ Obi a ɔka nneɛma ho aduro ma Maa Art Brut.

Ne ho nsɛm
[sesa]
Ataa Oko Addo, a wɔtae frɛ no Ataa Oko, wɔwoo no afe 1919 mu wɔ kuro bia ɛpo etwa ho ahyia a wɔfrɛ hɔ La, wɔ Ghana. Wankɔ sukuu da, nanso ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma berɛ a ɔnyaa mfeɛ dummiɛnsa sɛ Ɔfareni. Akyire no, n’abusua de ne kɔɔ Asante Mantam kɔduaa kookoo. Firi afe 1936 de kɔsi afe 1939 mu no, ɔnyaa nteteeɛ wɔ Nkran sɛ dua dwomfoɔ. Firi afe 1939 de kɔsi afe 1970 ɔyɛɛ adwuma wɔ mmeaeɛ bebree.
Regula Tschumi( a ɔyɛ adwinni ho abakɔsɛm dwumadini) kyerɛ sɛ, Ataa Oko hyɛɛ aseɛ yɛɛ saa funnaka bɛyɛ afe 1945 mu.[2] Nea ɛhyɛɛ ne nkuran maa no yɛɛ adwinni yi yɛ apakan a wayɛ de regyina hɔ ama bribi a ɔhunuu wɔ Nkran. Ga Ahemfo de saa apakan yi dii dwuma wɔ 20th century mu. Wɔyɛɛ apakan no wɔ kwan soronko so a na ɛreda Ahemfo no mu biara abusua ahyɛnsodeɛ adi. Bɛyɛ afe 1960 mu no, Ataa Oko buee n’ankasa funnaka ne apakan dwumadie beaeɛ wɔ La.
Ataa Oko funnaka a ɔdwii no, wɔdaa no adi kane wɔ nnipakuo dwumadie bi a wɔfrɛ no “Six Feet Under” wɔ Kunstmuseum Berne wɔ mfeɛ 2006 ne 2010/11 mu. Ɔnyaa akwanya a adi kan a ɔno nko ara daa ne dwuma no adi wɔ dwumadie bi a agye din yie pa ara wɔato din Collection de l'art brut wɔ Lausanne.[3][4]
Mfonim
[sesa]- Apakan a ɛregyina hɔ ama biribi, Ataa Oko dwii no wɔ mfeɛ 2009 mu.
- Ahonhom, Ataa Oko dwii no wɔ mfeɛ 2010 mu.
- World cup, Ataa Oko dwii no mfeɛ 2010 mu.
Sini
[sesa]- Mfeɛ 2010. Ataa Oko and the spirits. Philippe Lespinasse, Regula Tschumi, Andress Alvarez. Lausanne/Le Tourne, Parti de l’Art Brut/ LoKomotiv Films, sima aduonu.(subtitled).
- Mfesɛ 2009. Sépulture sur mesure, sima aduonum mmienu sini a ɛfa Ga ayieyɔ ho, ne Ataa Oko funnaka ne Eric Adjetey Anang (Kane Kwei Carpentry Workshop). Philippe Lespinasse, Grand Angle Production.
Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Collection de l’Art Brut, Lausanne, Switzerland, 2016-11-30, archived from the original on 2016-11-30, retrieved 2025-05-23
{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link) - ↑ cercueils du ghana : Le Poignard Subtil, retrieved 2025-05-23
- ↑ "Collection de l'art brut", Wikipedia (in English), 2025-02-10, retrieved 2025-05-23
- ↑ letemps, LeTemps.ch | Resultat Recherche (in French), archived from the original on 2015-08-17, retrieved 2025-05-23