Jump to content

Atɛnnie

Ɛfi Wikipedia

Atɛnnie yɛ kasa bi a ɛho nte a ɛkɔ so wɔ nipa mmienu anaa sɛ nnipa bi ntam. Ɛyɛ kasa a ɛho nte, na mfata nso sɛ obi ka kyerɛ ne nua. Atɛnnie nsɛm yɛ adeɛ bi wɔ Akan man mu no, wɔnnye ntom.

Mpɛn pii no, saa nsɛm anaa atɛnnie yi kɔ so wɔ berɛ a nnipa bi redi akyinneɛ wɔ nnoɔma bi ho, anaa sɛ ntɔkwa bi asi. Ɛyɛ a, obiara pɛ sɛ ɔka asɛm ma no yɛ ne yɔnko ya. Atɛnnie yɛ anidaho anaa anhyɛda nneyɛɛ bi a wɔde tweetwee anaa wɔde yɛ obi ayaayadeɛ.

Atɛnnie yɛ anidaho anaa kasa bi a ɛde obi ba fam na esane gu obi anim ase. Atɛnnie tae da obi suban bi adi wɔ kwan bɔne so.Atɛnnie yɛ kasa bi a ɔkasafoɔ no de kasatia obi wɔ aberɛ a woredane suban bɔne bi adi anaa ɔmfa ɔnyaako no ho.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1.https://europepmc.org/article/med/7496744

2.https://www.degruyterbrill.com/document/doi/10.1075/cilt.205.14ili/html

3.https://www.jbe-platform.com/content/journals/10.1075/jhp.1.1.07juc