Jump to content

Asukɔtweaa Ketekete (Ohoni)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asukɔtweaa Ketekete (Danish: Den lille Havfrue) yɛ kɔbere ohoni a Edvard Eriksen yɛɛe, a ɛkyerɛ asukɔtweaa bi a ɔbɛyɛɛ onipa. Wɔde ohoni no akyerɛ wɔ ɔbotan bi so wɔ nsu no ho wɔ Langelinie akwantubea a ɛwɔ København, Denmark no.[1] Ohoni no tentene yɛ 1.25 metres (4.1 ft) ne mu duru yɛ 175 kilograms (385 lb).[2]

Saa ohoni yi Eriksen yɛɛ ɛfa anansesɛm bi a Danish ɔtwerɛni Hans Christian Andersen di nkan yɛɛ afe1837. Wɔ Copenhagen kuro no mu saa ohoni yi yɛ ahyɛnsodeɛ, a akwantufoɔ ne ahɔhoɔ pii kɔ hwɛ ɛfirisɛ wɔ bue so afe 1913. Mfie a atwam yi a bɛ yɛ biribi a atuatewfoɔ sei bere a basabasaɛ aba.

Asukɔtweaa Ketekete yi a kɔyɛ ohoni titirew ma nnkuro akɛseɛ pii. Bi tesɛ: the statue of Pania of the Reef in Napier; Manneken Pis wɔ Brussels; the Statue of Liberty wɔ New York; Christ the Redeemer wɔ Rio de Janeiro; Smok Wawelski (Wawel Dragon) wɔ Kraków, Poland; anaa Nelson's Column ne Eros wɔ London.

Abakɔsɛm

[edit source]

Dwumfoɔ Edvard Eriksen yɛɛ kɔbere ohoni yi a wɔ paw ho wɔ Ɔsanaa bosome da 23, afe 1913.[3] Eriksen di nkan bisaa Price sɛɛ ɔnbɔ adagya na wa yɛ nhwɛsoɔ ama ohoni no, Price na ɔyɛ ballerina, na w'anpene so. Eriksen de ne yere Eline Eriksen na ɛyɛɛ nhwɛsoɔ ma ohoni no.[4] Amanfoɔ ka sɛ ohoni no anim sɛ Price nanso saa asɛm yi nyɛ nokware.[4]

Copenhagen kuro no badwafoɔ hyehyɛ sɛɛ wɔ bɛ yi ohoni no akɔ Shanghai a wɔ Danish Pavilion bere a wɔ yɛɛ Expo 2010 (Kotonimaa kɔsi Ahinime).[5]

Ohoni yi mu yɛ nhwɛsoɔ a deɛ ɛdi kan no wɔ ho. Nso ohoni yi ayɛ nhwɛsodeɛ a ma ohoni asukɔtweaa du-mmiensa wɔ kuro beree wɔ wiase nyinaa. [6]

Ɛbii ne:

  • Solvang, California
  • Kimballton, Iowa[7]
  • Piatra Neamţ, Romania[7]
  • Torrejón de Ardoz (Madrid), Spain
  • Seoul, South Korea[8]
  • a half-sized copy in Calgary, Alberta, Canada[9]
  • a copy at the grave of Danish-American entertainer Victor Borge[7]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[edit source]
  1. Craig Hewitt (2012-01-05), Little Mermaid Copenhagen Statue Facts and Real Story - Visit Boat Tour (in American English), retrieved 2026-05-11
  2. Travelling Little Mermaid to resurface in Copenhagen by video (in English), 2010-04-30, retrieved 2026-05-11
  3. Hans-Henrik T. Ohlsen, The Little Mermaid, retrieved 2026-05-11
  4. 1 2 The Little Mermaid statue in Copenhagen, Denmark (in American English), retrieved 2026-05-11
  5. Maid in China, retrieved 2026-05-11
  6. https://mermaidsofearth.com/mermaid-statues-mermaid-sculptures/public/
  7. 1 2 3 Timothy Aeppel (2009-07-28), "Michigan 'Little Mermaid' Statue Prompts Copyright Concern", Wall Street Journal (in American English), ISSN 0099-9660, retrieved 2026-05-11
  8. The Korea Herald (2016-10-31), Little Mermaid’s replica statue unveiled in Seoul (in English), retrieved 2026-05-11
  9. https://www.calgary.ca/csps/recreation/public-art/downtown-public-art-circuit-tour.html#mermaid