Asona (Akanfoɔ Abusuakuo)


Asona Abusua yi ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho na ɛmu nnipa dɔɔso pa ara. Wɔn piesie ne Kuntunkununku a ɔfiri Adanse Sebeneso. Wɔn nuabaa ne Dwamena. Wɔn nnyesoɔ ne “Aso-na” anaa “Ofori-Na”. Ɛbinom wɔ gyidie sɛ Asona ne Asakyiri abusua no yɛ anuanom ankasa. [1] Wɔfrɛ wɔn Nsunafo anaa Dumana wɔ Fantefoɔ mu. [2] Wɔn ahɔfɛ nti wɔtaa ka sɛ, wɔn tikɔ te sɛ obi anim.
N'akoraboa
[sesa]Wɔn akraboa ne anene (kwaakwaadabi) ne asona wɔ. Saa ɔwɔ yi yɛ kɔkɔɔ, ɛnna tuntum sesa ne mu. Wɔkyerɛ sɛ, ɛyɛ musuo sɛ Asonani bɛhunu saa ɔwɔ yi. Saa abusua yi mufoɔ da asomdwoeɛ ne nkabom adi pa ara.[3]
Nkuro a wɔdɔm abusua yi
[sesa]Nkuro a wɔdɔm abusua yi bi ne Kyebi, Offinso, Ejisu, Mankessim, Sandema, Akropong Akuapem,Sekyere Beposo, Denkyira Buabenso, Denkyira Diaso, Atebubu, Amanokrom Akuapem, Obosomase Akuapem, Begoro, Kukurantumi, Akyem Asafo, Akyem Segymase, Akyem Pameng,Suhum, Akyem Akopong, Akyem Adoagyiri, Akyem Dwenase near Osino, Akyem Osiem, Akyem Osino, Akyem Takyiman, Akyem Ahwenease, Akyem Apinaman, Akyem Akooko, Akyem Hemang, Apinamang, Akyem Juaso, Akyem Takrowase, Akyem Bososo, Akyem Abaam, Akyem Asuotwene, Akyem Enyiresi, Akyem Akrofufu, Akyem Adankrono, Akyem Sawirako, Akyem Bomaa, Akyem Abodom, Akyem Sekyere, Akyem Bomso, Akyem Ankaase, Akyem Abompe near Osino, Akyem Osorase, Akyem Tweapease, Akyem Topreman, Akyem Akyem Banso, Akyem Ettukrom, Akyem Bosodumase, Akyem Ekorso, Akyem Koradaso, Akyem Asamama, Akyem Adadientam, Bonwire, Feyiase, Tano Odumase,Adanse Akrofuom, Manso Nkwanta, Onwe, Kwahu Nkwatia, Kwahu Tafo ne deɛ ɛkeka ho.[4]
Ahemfoɔ a wɔdɔm Asona abusua
[sesa]Ahemfoɔ a wɔdɔm Asona abusua ne [5]
- Okyehene (Amotia Ofori Panin)
- Offinsohene
- Edwesohene
- Okuapehene
- Mpraesohene
- Kwahu Buabensohene
- Akyem Edwirahene
- Mankessimhene Fantse
- Nkwatiahene
- Kwahu Tafohene
- Kwahu Beposohene
- Adanse Akurofuomhene
- Manso Nkwantahene
- Onwehene
- Feyiasehene
- Bonwirehene
- Taabuomhene
- Kronkohene
- Kumase Akwamu anaa Asafohene
- Kumase Akomferehene
- Kumase Atwima Agogohene
- Toasehene
- Kwahu Aduammoahene
- Tanodumasehene
- Asotwehene
- Abrankasohene