Jump to content

Asommena

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asommena yɛ amena a wɔsie asommɔfoɔ wɔ mu [1].

Asomenatuo

[sesa]

Ɔbɔfoɔ biara a wakum ɔsono baako anaa mmiensa anaa deɛ ɛboro  saa wu a, abɔfoɔ a wɔwɔ kurom hɔ ne ne mpotam no tu asomena. [2]Atufoɔ no firi aseɛ de asɔ no ano tutu fam a, na wɔakankye sɛ: '' Kwame Anibere Asomasi. Ɔbɔmmɔfoɔ a ne ho yɛ hu. Ɛnnɛ tafrakyɛ woawu. Yɛahyia retu Wo'somena. Yɛretu ama mmoa aba. Ama yɛde ayɛ ɔman. Ɔdomankoma wuo nti. Woagya atutu wo nnan. Ɛmma mmusuo bi mma yɛnɛn asaase so ha.''[3]

Asonyie

[sesa]

Asonyie yɛ amanneɛ a wɔyɛ berɛ a ɔbɔfoɔ bi akum sasaboa. Akanman bebree so no,ɛsono nko ara na wɔku no a, wɔhyɛ da bɔ dwa gya no kwan. Wofrɛ saa amanne ɛyi 'asonyie'. Afei nso sɛ ɔsommɔfoɔ wu a, wɔsi abɔfoɔ yɛ amanneɛ de gya no kwan nanso ɛsiane sɛ ɔyɛ obi a ɔne ɛsono na ɛgorɔ na mpanimfoɔ de ɔsono na ɛbɔ no mmrane nti, wɔtumi frɛ n'ayie no sɛ asonyie[4][5].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-19
  2. Google Scholar, retrieved 2025-08-19
  3. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  4. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  5. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19