Jump to content

Asommɔfoɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asommɔfoɔ ne abɔfoɔ a wɔakum sono anaa asono pɛn[1].

Asommɔfoɔ Nkyekyɛmu

[sesa]

Asommɔfoɔ mu wɔ nkyekyɛmu; 1, Wɔn a wɔatumi akum sono fua no ne mmɔfra. Se wɔwu a, woyɛ wɔn asonyie tu asomena. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ wɔanwu a, anka wobɛyɛ bi. 2. Wɔn a wɔatumi akum asono mmienu. Wowu a, wɔnyɛ wɔn asonyie, wontu asomena nso. Wose anka ɛsɛ sɛ anka wɔtumi kum mmiɛnsa anaa deɛ ɛboro saa. Wei kyerɛ sɛ wɔanye adeɛ nti wonnuru abɔmmɔfoɔ a wɔadi kan no nkyɛn. 3.Ɔbɔfoɔ a wakum asono mmiɛnsa. Ɔno deɛ ɔwɔ din. Wɔbɔ no aba so akwannuasa so, na sɛ owu nso a, wɔtu asomena yɛ no asonyie. 4. Asommɔfoɔ mpanimfoɔ pa ara ne wɔn a wɔakum asono mmiɛnsa anaa deɛ ɛboro saa. Won nso wɔwu a, wɔyɛ wɔn asonyie tu asomena. [2]Sɛ wɔhwɛ mu a, abofoɔ a wɔakum asono mmiɛnsa anaa deɛ ɛboro saa no ne abɔfoɔ pa ara. Wɔn ne adwuma no mu akunini[3].

Amanneɛ Ahodoɔ a Wɔyɛ ma Asommɔfoɔ

[sesa]

Yɛgyina saa nkyekyɛmu ahodoɔ yi so yɛ amammerɛ ahodoɔ ma abɔfoɔ a wɔakɔ wɔn nsumankyire[4].

1. Asommɔfoɔ taa firi abusua korɔ mu, wei nti wotaa gu nkuruwa. Efie biara anaase abusua biara mufoɔ yɛ abɔfo-kuo baako. Wei nti sɛ wɔregoro abɔfoɔ anaase woreyɛ ayie a, wɔto dwom kaekae wɔn fie abɔfoɔ a wɔkɔ nseɛdo no. Abɔfoɔ dodɔ wɔn ho, wei nti abusua nkyekyɛmu ntumi mpaepae wɔn mu. 2.Abɔfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa yɛ fekuo baako a sɛ obi wu a, wɔn nyinaa kɔgyam no. Abɔfonnwom ne abɔfogorɔ da saa ayɔnkofa yi adi.[5]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19
  2. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-19
  3. "The Evolution of Hunting", Taylor & Francis (in English), 2017-07-12, doi:10.4324/9780203786567-39/evolution-hunting-sherwood-washburn-lancaster, retrieved 2025-08-19
  4. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  5. "The Evolution of Hunting", Taylor & Francis (in English), 2017-07-12, doi:10.4324/9780203786567-39/evolution-hunting-sherwood-washburn-lancaster, retrieved 2025-08-19