Jump to content

Asiwa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asiwa yɛ Akanfoɔ awareɛ ahodoɔ a ɛntia mmara no mu baako. Ɛye awareɛ a ɔbarima bi tumi de n'ano to abaayewa anaa ɔbaa bi a ɔnyiniiɛ soɔ se, ɔnyini a, ɔbɛware no. Baabi mpo wɔ hɔ a, ɔbarima no tumi kye abaayewa no nnoɔma ne sika ɛnna ɛtɔ mmerɛ bi nso a, ɔtumi bɔ no akonhoma mpo. Ɔbarima korɔ no bɔ ɔbaa no ho ka, hwɛ no te sɛ deɛ waware no no ara pɛpɛɛpɛ. Sɛ sukuu na abɔfra no rekorɔ a, cbarima awasi no asiwa no tumi fa ne sukuu ho no nyiaa anaasɛ mpo ɔtumi fa ɛka no mu fa kɛseɛ no ara[1].

Sɛ abɔfra no nyini a, na waware no. Sɛ abɔfra no nyini na sɛ ɔse ɔmpɛ no a, ɔbarima no tui bɔ ɔbaa no awpofoɔ ka ma wɔtua n'adeɛ ma no. Mpɛn pii no, mmarima no bi wɔ hɔ a, wɔgyae sika no akyi di[2].

Ɛnnɛ yi, yɛhunu asiwa wɔ akwan ahodoɔ pii so. Mmarima no pii rehwɛ mmaa bi a, ɛhyɛ wɔn tiri mu sɛ wɔbɛware wɔn daakye. Ɛbɛwie akyire no, na abɔfra no se ɔmpɛ ɔbarima[3][4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
  2. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21