Asasadwa
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Asasadwa yɛ adwa a Akanfoɔ ahemfo ne wɔn mpanimfoɔ pa ara na wɔtaa tena so[1].
Ɛyɛ adwa bi a wɔde nnua asene no kwan soronko so. Asadadwa nyinaa wɔ su baako. Kyerɛ sɛ, ne nyinaa bɔberɛ yɛ pɛ. Nanso, ebiara wɔ biribi soronko bi wɔ ho a, ɛma no da nso firi nkaeɛ no ho. Ɛyɛ adwa tiawa bi a, ne fa a ɛsi fam no yɛ traa na beaeɛ a wɔtena no nso te saa. Ne mfimfini no ne ne tenten no ankasa. Wɔde nnua no ara bi na awene biribi ahyɛ mfimfini no a, ɛsɔ adwa adwa no mu gyina hɔ[2].
Baabi a Asasadwa Taa wɔ
[sesa]Nyɛ ahemfo nko na wɔtena asasadwa so. Obiara tumi sene bi si ne fie. Mmom, baabi a ɛtaa wɔ ne ahemfie. Ɛyɛ tete adwa nti, nkonnwa a ɛwɔ ahemfo nkonnwa dan mu(deɛ wɔbɔ din sɛ nkonnwa tuntum no) no nyinaa te saa ara.
Akɔmfoɔ nso taa tena asasadwa so[3].
Asasadwa Dwumadie
[sesa]Woba Akanman mu a, asasadwa yɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛabɔ obi atenaseɛ. Nti wɔredi dwuma atitire bi a ɛno na ɛdi akotene. Ahensie mu, wɔde ɔhene to bɛka adwa so a, na ɛyɛ asasadwa. Biragorɔ mu no, asasadwa na wɔde asakyima no to ka so mprɛnsa de bɔ no atrnaseɛ wɔ mpaninyɛ mu[4][5].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Kwabena Opuni-Frimpong (2021-10-04), "The Significance of the Black Stool as an Educational Resource in Akan Traditional Patterns of Learning", E-Journal of Religious and Theological Studies (in English), vol. 7, no. 10, pp. 143–154, ISSN 2458-7338, retrieved 2025-08-24
- ↑ Kwabena Opuni-Frimpong (2021-10-04), "The Significance of the Black Stool as an Educational Resource in Akan Traditional Patterns of Learning", E-Journal of Religious and Theological Studies (in English), vol. 7, no. 10, pp. 143–154, ISSN 2458-7338, retrieved 2025-08-24
- ↑ David Henige (1975-04), "Akan stool succession under colonial rule—continuity or change?", The Journal of African History (in English), vol. 16, no. 2, pp. 285–301, doi:10.1017/S002185370000116X, ISSN 1469-5138, retrieved 2025-08-24
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ Kwabena Opuni-Frimpong (2021-10-04), "The Significance of the Black Stool as an Educational Resource in Akan Traditional Patterns of Learning", E-Journal of Religious and Theological Studies (in English), vol. 7, no. 10, pp. 143–154, ISSN 2458-7338, retrieved 2025-08-24
- ↑ David Henige (1975-04), "Akan stool succession under colonial rule—continuity or change?", The Journal of African History (in English), vol. 16, no. 2, pp. 285–301, doi:10.1017/S002185370000116X, ISSN 1469-5138, retrieved 2025-08-24
{{citation}}: Check date values in:|date=(help)