Jump to content

Asantemanso

Ɛfi Wikipedia

Asantemanso yɛ beaeɛ bi a Asantefoɔ gye di sɛ wɔfiri. Wɔgye di sɛ ɛhɔ ne wɔn abɔseɛ[1][2][3]

Ɛhe ne Asantemanso

[sesa]

Asantemanso yɛ pɔkɛseɛ bi a ɛwɔ Essumegya kurotia. Sɛ wofiri Bɛkwae reba Essumagya a,  woduru Asantemanso, bɛtwa asuo " Subin Abena Antwi", san tra Asante Odumkɛseɛ ansa na woaduru Essumagya ( Odumkɛseɛ yi yɛ dua bi a ɛfiri abɔdeɛ mfitiaseɛ bɛsi nnɛ, sikan nkaa da. Sɛdeɛ ne keseɛ teɛ no, saa ara na ɛteɛ )[4][5]Asantemanso pɔkɛseɛ yi nso yɛ pɔkɛseɛ a, ɛfiri abɔdeɛ mfitiaseɛ no, sekan nkaa da. Na yɛrentumi nka Asanteman abakɔsɛm ngya Asantemanso.

Asantefoɔ Gyidie a Ɛfa Asantemanso Pɔ Kɛseɛ no ho

[sesa]

Wɔgye di sɛ saa pɔ ɔkɛseɛ yi mu na Asanteman pue firiiɛ [6]. Wɔkyerɛ sɛ, wɔn nana Aberewa Musu ne mpanimfoɔ bi te sɛ Adu Panyin, Adu Manu, Adu Mensah, Kyeame Agyekum, Kyeame Acheampong Tenten, Abrade Kwaa, Abrewa Takyiwaa Brobe, Abrewa Bruku, Samante Musu ne Yaa Senefanton, a wɔn din deda  Essumegyafoɔ nkonnwa so no nyinaa pue firii bɔn bi a ɛwɔ Asantemanso  mu da koro Dwoada bi. Wɔn a wɔpue firii Asantemanso no yɛ Aduanafoɔ ne Agonafoɔ. Na berɛ a wɔreba no, na kraman di wɔn anim a egya tua n'ano. Beaeɛ a wɔdii kan kɔtenaeɛ no, ɛnnɛ yi, wɔn tanɔ bosomkɛseɛ no da so si hɔ. Wɔdii mmerɛ kakra wɔ beaeɛ a mprempren yi  tano no si no ; na wɔn nyinaa tu bɛtenaa asuo Subin agya a seesei, wɔfrɛ hɔ  Essumegya ( Asuogya na ɛnnɛ yɛfrɛ no Essumegya)[7]. Wɔte Essumegya a wɔase reyɛ adɔre no na ɛbinom tutu kɔtenaa beaeɛ a ɛnnɛ wɔteteɛ  yi. Yei akyi ansa na wɔrebɛsan nso aka wɔn ho abom sɛ Asanteman wɔ Otumfuo Osei Tutu a ɔdi kan berɛ so. Afahyɛ titiriw Nkyidwo a wɔdi no, wɔyɛ amanneɛ no mu fa kɛseɛ no ara wɔ Asantemanso pɔkɛseɛ no mu[8].

Amanneɛ a Wɔyɛ no Asantemanso

[sesa]

Mfeɛ mmienu biara no, wɔdi afahyɛ de dwira pɔ kɛseɛ yi. Afahyɛ a wɔdi no din de Nkyidwoɔ afahyɛ Dwoada a ɛdi adaeɛ kɛseɛ akyi wɔ  mfeɛ mmienu biara na wɔdi Nkyidwo. Botaeɛ no nyinaa ne sɛ nananom a wɔpue firii Asantemanso no puee Dwoada. Na afahyɛ no mu no, nneɛma ahodoɔ a wɔde di dwuma no mu fa kɛseɛ no firi Otumfuo hɔ. Nantwie a wɔtwa wɔ Asantemanso ne nneɛma a wɔde fufu tɔ no nyinaa firi Asantehene hɔ. Mmom, ɔno ankasa mma hɔ bi[9].

Nyɛ nkyidwo nko ara na wɔyɛ no Asantemanso. Adaeɛ tɔ a, nananom  tumi kɔyɛ amanneɛ ahodoɔ bebree a yɛbɛka ne nyinaa ho asɛm akyire yi. Wɔn a wɔtumi kɔ Asantemanso pɔkɛseɛ no mu no ne Agonafoɔ ne Aduanafoɔ bi a wɔadware wɔn. Na sɛ wɔrekɔ a, Ankɔbeahene na ɔdi wɔn anim.

Mmeaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. T. C. McCASKIE (2007-03), "DENKYIRA IN THE MAKING OF ASANTE C. 1660–1720", The Journal of African History (in English), vol. 48, no. 1, pp. 1–25, doi:10.1017/S0021853706002507, ISSN 1469-5138, retrieved 2025-06-23 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Google Scholar, retrieved 2025-06-23
  3. T. C. McCaskie (2003-10-30), State and Society in Pre-colonial Asante (in English), Cambridge University Press, ISBN 978-0-521-89432-6, retrieved 2025-06-23
  4. T. C. McCaskie (2003-10-30), State and Society in Pre-colonial Asante (in English), Cambridge University Press, ISBN 978-0-521-89432-6, retrieved 2025-06-23
  5. Peter Shinnie (2005-12-15), "Early Asante and European Contacts", Journal des africanistes (in English), no. 75–2, pp. 25–42, doi:10.4000/africanistes.113, ISSN 0399-0346, retrieved 2025-06-23
  6. T. C. McCASKIE (2007-03), "DENKYIRA IN THE MAKING OF ASANTE C. 1660–1720", The Journal of African History (in English), vol. 48, no. 1, pp. 1–25, doi:10.1017/S0021853706002507, ISSN 1469-5138, retrieved 2025-06-23 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. Edwin W. Smith (1945-01), "Religious Beliefs of the Akan", Africa (in English), vol. 15, no. 1, pp. 23–29, doi:10.2307/1156827, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-06-23 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  8. Edwin W. Smith (1945-01), "Religious Beliefs of the Akan", Africa (in English), vol. 15, no. 1, pp. 23–29, doi:10.2307/1156827, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-06-23 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  9. Ivor Wilks (1989-09-29), Asante in the Nineteenth Century: The Structure and Evolution of a Political Order (in English), CUP Archive, ISBN 978-0-521-37994-6, retrieved 2025-06-23