Asanteman Frankaa

Asanteman frankaa no yɛ Asantenman no frankaa. Saa frankaa yi da sɛdeɛ Asanteman su ne ban teɛ adi. Asanteman firii aseɛ de saa frankaa dii dwuma akyɛ pa ara. [1]
Frankaa no Su
[sesa]Wɔ afe apem aha nkron ne aduonum mu hɔ baabi no, na frankaa no su ahabammono, sika kɔkɔɔ ne tuntum a kookoo ne aboa kɔtɔtɔ da mfinifini. Wɔ afe apem aha nkron ne aduonum nsia mu no, National Liberation Movement no de frankaa foforɔ a ne su yɛ ahabammono, sika kɔkɔɔ, fitaa ne tuntum sɛ Asanteman no mfa nyɛ wɔn frankaa. [2]Seisei frankaa no su ne ahabammono, sika kɔkɔɔ ne tuntum a sika dwa Kofi mfoni da mfinifini.[3]
N'afa ahodoɔ ne wɔn asekyerɛ
[sesa]
Frankaa no wɔ afa mmiensa na ɛmu biara wɔ n'ahosuo. Deɛ ɛdi kan ne sika kɔkɔɔ a ɛgyina hɔ ma ɔman no ahonyadeɛ, deɛ ɛtɔ so mmienu ne tuntum na ɛno gyina hɔ ma Asantefoɔ na ahabammono a ɛyɛ ɔfa a ɛtɔ so mmiensa no gyina hɔ ma nnua ahodoɔ ɛwɔ ɔman no mu. Sika dwa Kofi a ɛda frankaa no mfinifini no gyina hɔ ma ɔman no nkabom ne wɔn tumidie. Frankaa no bi wɔ hɔ a gyemirekutu kyɛ da mfinifini.[4]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ http://www.fotw.info/flags/gh_asa.html
- ↑ https://designblog.rietveldacademie.nl//wp-content/uploads/2008/03/viktorh_ashanti.pdf
- ↑ Brendon, P. (2010). The Decline And Fall Of The British Empire. Random House. p. 523. ISBN 978-1-4090-7796-1.
- ↑ "Details of the symbol of authority of the Ashanti Region, the Asanteman flag"