Asantehene

Asantehene yɛ abɔdin a wɔde ma Ɔhene a ɔdi Asanteman so. Asantehene a ɔdi kan ne Otumfoɔ Osei Tutu a ɔdi kan.[1] Abusua a wɔpaw ɔhene yi firi mu ne Ɔyokoɔ Abusua no na saa ɔhene yi tena Sika Dwa Kofi no so.[2] Asantehene a ɔdi adeɛ mprempren ne Otumfoɔ Osei Tutu a ɔtɔ so mmienu (II). Ɔfiri aseɛ dii adeɛ wɔ Oforisuo da a ɛtɔ so aduonu nsia (26) wɔ afe apem aha nkron ne aduonkron nkron (1999) mu na n'akraboa ne Kɔtɔkɔ.[3]
Nnipa ahodoɔ a wɔadi adeɛ sɛ Asantehene
[sesa]Nnipa ahodoɔ a wɔdi adeɛ firi Asantehene Nana Osei Tutu I berɛ so reba nyinaa, wɔpaw wɔn firii adehyeɛ abusua no mu. Saa ahemfoɔ yi ne:[4]
1. Nana Osei Tutu 1 (1695 - 1719)
2. Nana Opoku Ware 1 (1720 - 1750)
3. Nana Kusi Obodum (1750 - 1764)
4. Nana Osei Kwadwo (1764 - 1777)
5. Nana Osei Kwame Panin (1777 - 1797)
6. Nana Opoku Fofie (1797 - 1799)
7. Nana Osei Kwame Asibe Bonsu (1799 - 1824)
8. Nana Osei Yaw Akoto (1824 - 1834)
9. Nana Kwaku 1 (1834 - 1867)
10. Nana Kofi Karikari (1867 - 1874)
11. Nana Mensa Bonsu (1874 - 1883)
12. Nana Kwaku Duah (1884 - 1884)
13. Nana Kwasi Agyeman Prempeh I (1888 - 1931)
14. Nana Osei Agyeman Prempeh Il (1931 - 1970)
15. Nana Opoku Ware 11 (1970 - 1999)
16. Nana Otumfuo Osei Tutu II (1999 - bɛsi nnɛ)
Baeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Adjaye, J. K. (1989). Asantehene Agyeman Prempeh I and British colonization of Asante: A reassessment. The International Journal of African Historical Studies, 22(2), 223-249.
- ↑ Asante Empire, Encyclopedia Britannica.
- ↑ Ernest E. Obeng, 1986, Ancient Ashanti Chieftaincy, Ghana Publishing Corporation. ISBN 9964-1-0329-8
- ↑ Osei, K. (2004). Asante culture. Cita Press Ltd.