Jump to content

Asantehemaa

Ɛfi Wikipedia

Asantehemaa yɛ ɔhemaa a ɔdi Asanteman so na wɔbu no sɛ ɔman no nyinaa maame. Ɔka wɔn a wɔboa Asantehene ma wɔdi adeɛ no ho.[1] Onipa a wɔtae de no di adeɛ no, mpɛn pii no ara ɔno ne ɔbaa panin a ɔwɔ efie a wɔpaw Asantehemaa firi mu. Saa ɔbaa yi nyɛ Ɔhene ne yere mmom ɔtumi yɛ ne maame, ne sewaa, ne nuabaa panin ne afoforɔ a ɛka ho na ɔAsantehene no na ɔpaw no.[2] Ɔwɔ dwuadie ahodoɔ pii a ɔdi de boa Asanteman nkɔsoɔ. Ɛbi ne sɛ ɔno na ɔhwɛ maa ne mmɔfra yieyɔ so, boa ma wɔpaw Asantehene foforɔ bere a Asantehene no ada mpan na ɔtu Asantehene fo nso ka ho.[2]

Nnipa a wɔdi adeɛ sɛ Asantehemaa

[sesa]

NNipa ahodoɔ a wɔdi adeɛ sɛ Asantehemaa din na ɛdidisoɔ yi:

  • Ɔhemaa Nyaako Kusi Amoa
  • Ɔhemaa Nketia Ntim Abamo
  • Ɔhemaa Akua Afriyie
  • Ɔhemaa Akyaama
  • Ɔhemaa Konadu Yaadom
  • Ɔhemaa Adoma Akosua
  • Ɔhemaa Ama Serwaa
  • Ɔhemaa Yaa Dufie
  • Ɔhemaa Afua Sarpon
  • Ɔhemaa Afua Kobi
  • Ɔhemaa Yaa Akyaa
  • Ɔhemaa Konadu Yaadom II
  • Ɔhemaa Serwa Nyarko II
  • Ɔhemaa Nana Afia Kobi Serwaa Ampem II
  • Ɔhemaa Nana Konadu Yiadom III[3]

Baeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Obeng, Samuel; Stoelje, Beverly J. (2002). "Women's Voices in Akan Juridical Discourse".
  2. 1 2 Stoeltje, B. (2021). "Asante Queen Mothers in Ghana". Oxford Research Encyclopedia of African History. Oxford Research Encyclopedia of African History. doi:10.1093/acrefore/9780190277734.013.796. ISBN 978-0-19-027773-4.
  3. Aidoo, Agnes Akosua (1977). "Asante Queen Mothers in Government and Politics in the Nineteenth Century". Journal of the Historical Society of Nigeria. 9 (1): 1–13. JSTOR 41857049. S2CID 153922500.