Asante ne Gyaman Ntɔkwa
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Asante ne Gyaman ntɔkwa yɛ ntɔkwa ahodoɔ a ɛsii wɔ Asante ne Gyaman ahennie mu; Akanfoɔ nkuro ahodoɔ a ɛwɔ ɛnnɛ ɔman Ghana mu ne Ivory Coast na ɛkoo saa ntɔkwa yi. Ɛyɛ ntɔkwa a na ɛnyɛ ntɔkwa ketewa koraa. Saa ntɔkwa yi yɛ ntɔkwa a wɔkoo no ahodoɔ ahodoɔ a na wɔntwa so da.[1][2]
Ntɔkwa No Abakɔsɛm
[sesa]Ntɔkwa no ankasa a ɛdi kan no sii wɔ 1740 de kɔsi 1741 mu, na ɛno na Asantefoɔ ko dii Gyamanfoɔ so sɛe wɔn nkuro ahodoɔ maa wɔbɛkaa kakraa bi. Adeɛ tirie a ɛde ntɔkwa no baeɛ ne dwadie ne ahensɛm ɛsiane Asantefoɔ gye a wɔgyee nneɛma nyinaa bɔɔ soɔ no nti: ɛbi te sɛ Asantefoɔ suae Gyamanfoɔ so sɛ wɔate sɛ Gyamanfoɔ ayɛ Sika Dwa a ɛwɔ tumi na ɛso sene Asantefoɔ deɛ no.
Ɛnfa ho ne Asantefoɔ ha a wɔhaa Gyamanfoɔ no, Gyaman man no tumi tuu mpɔn wɔ dwadie mu bɛyɛ mfirinhyia ɔha a wɔne Sultan Kong mpo nyaa nsawɔsoɔ. Na saa nkabom a wɔne Sultan Kong nyaeɛ no bɔɔ Asante hu kakra.
Ankyɛ, wɔsan de ntɔkwa foforɔ hyehyɛɛ so wɔ afe 1818 de kɔsi 1819 mu berɛ a na Asantehene Osei Bonsu te akonnwa so no.[3]Na saa ntɔkwa wei no kɔyɛɛ akansie a ɛno nso Asantefoɔ dii Gyamanfoɔ no so.
Asantefoɔ ne Gyamanfoɔ ntɔkwa yi gyina tumidie, ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔnya tumi wɔ dwadie so ne sɛ wɔbɛnya tumi wɔ Akanfoɔ nkuro ne nkuro a aka no nyinaa so.
Akwan a Asantefoɔ Nam So ko dii Gyamanfoɔ So
[sesa]- Nhyehyɛeɛ: Asantehene a ɛyɛ Opoku Ware I yɛɛ nhyehyɛeɛ sii Gyamanfoɔ no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi ne nkuro ahodoɔ a atwa Gyaman ho ahyia bi te sɛ Banda ne Takyiman ɛnyɛ nkabɔmu. Na ɛno boaeɛ maa Asantefoɔ tumi trɛɛ wɔn ahyeɛ mu. Saa anamɔntuo yi boaa Asantefoɔ ma wɔsɛee Gyaman nkuro akɛseɛ na wɔkum Gyamanhene Abo Kofi.[4]
- Ahyɛnsodeɛ: Berɛ a wɔkum Gyamanfoɔ hene no, wɔde yɛɛ ahyɛnsodeɛ kyerɛɛ Gyamanfoɔ, Asante tumi ne n’ahoɔden a ɛkura wɔn sɛ ɔman. Saa adeɛ a wɔyɛeɛ no de ɛhu kɛseɛ too Gyamanfoɔ so.
- Asraafoɔ adan: Berɛ a Asantefoɔ dii Gyaman so nkunim no, wɔsisii asraafoɔ dan wɔ wɔne Gyaman ntam. Na wɔgyee Gyaman fawodie firii ne nsam a na wɔntumi mpo ne aborɔfo a na wɔwɔ mpoano no no nni dwa. Na wɔhyɛɛ Gyamanfoɔ maa wɔtuaa toɔ a ɛmu yɛ du maa Asante nhemfo. Na ɛno maa Asante mu bɛyɛɛ duru wɔ sikafam na Gyaman nso baa fam koraa.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Nancy Lawler (1997), "The Crossing of the Gyaman to the Cross of Lorraine: Wartime Politics in West Africa, 1941-1942", African Affairs, vol. 96, no. 382, pp. 53–71, ISSN 0001-9909, retrieved 2025-07-08
- ↑ Odomase's Neighbours: Awua-Domase, retrieved 2025-07-08
- ↑ NYANSAPO TV (2023-08-09), MUST WATCH: 🔥🔥 THE WAR BETWEEN ASANTE AND GYAMAN (1818) || NANA OSEI KWADWO), retrieved 2025-07-08
- ↑ Ivor Wilks (2000-01-01), "Asante at the End of the Nineteenth Century: Setting the Record Straight", Ghana Studies (in English), vol. 3, no. 1, pp. 13–59, doi:10.3368/gs.3.1.13, ISSN 1536-5514, retrieved 2025-07-08