Jump to content

Asante ne Denkyira Ntɔkwa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asante ne Denkyira ntɔkwa yɛ ɔko bi a na ano yɛ den pa ara ɛsiane fawohodie a na Asantefoɔ rehwehwɛ afiri Denkyira hɔ no nti. Na ɛnam saa ntɔkwa yi so na ɛmaa Asante bɛyɛ ɔman kɛseɛ wɔ Akanman mu ne ɛnnɛ yi ɔman Ghana mu.[1]

Asante ne Denkyira

[sesa]

Denkyira

[sesa]

Denkyira yɛ kuro a na wɔwɔ tumi pa ara wɔ tete berɛ no mu hɔ. Wɔyɛ Akanfoɔ a ɛsiane wɔn tumi ne wɔn kɛseyɛ nti, mmeaeɛ a wɔtu sika kɔkɔɔ ne dwadie nyinaa hyɛ wɔn nsa.Mpo aborɔfo dwadie a na wɔdi no mpoano de kɔsi Elmina Castle no na wɔwɔ tumi wɔ so. Na wɔwɔ tumi wɔ Asantefoɔ so a Asantefoɔ som wɔn.

Asante

[sesa]

Asante nso yɛ kuro a ɛwɔ ɛnnɛ Kumasi yi. Na wɔyɛ nipakuo bi a na wɔn ani yɛ den pa ara wɔ ɛnnɛ ɔman Ghana mu. Nanso na wɔhyɛ Denkyirafoɔ ase a wɔsom wɔn.Enti ɛduruu berɛ bi sɛ wɔhia fawohodie afiri Denkyirafoɔ nsam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛtumi ne aborɔfo no adi dwa ne titire Sika Kɔkɔɔ dwa. Na saa fawohodie a na wɔhia na ɛde wɔne Denkyira ntɔkwa no baeɛ.

Ntɔkwa No Farebaeɛ

[sesa]
  • Ɛyɛ Denkyirahene Ntim Gyakari, hyɛɛ Asantefoɔ sɛ Sika Kɔkɔɔ a wɔde bɛsom no no, wɔnyɛ no mmɔho mmɔho.
  • Saa abisadeɛ yi hyɛɛ Asante abufuo yie maa wɔtwitwaa Denkyirafoɔ somafoɔ no nsateaa de aboɔ kaa wɔn ho sɛ wɔnfa nkɔma Denkyirahene.Saa berɛ no na Osei Tutu na ɔte akonnwa so. Ɛno nti ɔtoo Asanteman nyinaa nkra wɔ ɔko a wɔsuae wɔ Denkyirafoɔ so no, na Okomfo Anokye nso boaa Asanteman wɔ honhom fam.[2]

Ntɔkwa No Ankasa

[sesa]
  • Ntɔkwa no sii wɔ Feyiase wɔ afe 1701 mu; ɛhɔ na afaanu no hyehyɛɛ sɛ wɔbɛhyia de ntɔkwa no ahyehyɛ so. Na Asantefoɔ asraafoɔ no to hyɛɛ Denkyirafoɔ so kum wɔn pasaa.[3][4]
  • Ɛwom na Denkyirafoɔ wɔ akodie ankasa nanso Asantefoɔ de nkabom ne wɔn nhyehyɛeɛ na ɛko dii Denkyirafoɔ so.[5]
  • Wɔ ɔko no mu no, wɔkum Denkyirahene Ntim Gyakari berɛ a na ɔne ne yerenom te fie reto ɔware.
  • Wei maa Denkyira bɛhyɛɛ Asante ase.[6]

Ntɔkwa no Akyi

[sesa]
  • Asanteman bɛyɛɛ kɛse wɔ Akanfoɔ mu: ɛmaa Akanfoɔ nkaeɛ no nyinaa bɛsuroo Asanteman.[7]
  • Ɛmaa Asantefoɔ nyaa kwan ne aborɔfo dii sika kɔkɔɔ ho dwa na wɔnyaa tumi wɔ nkuro a sika kɔkɔɔ wɔ mu no.
  • Osei Tutu ahennie ne Okomfo Anokye na ɛboa de Asante nkabom baeɛ maa Asante bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.[8]

Hwɛ Nso

[sesa]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Denkyera | Ashanti Empire, Gold Coast, Ghana | Britannica (in English), retrieved 2025-07-08
  2. Siliconson (2024-06-24), FULL VIDEO: Denkyira and Ashanti War (Explained in Twi) | Siliconson |, retrieved 2025-07-08
  3. Battle of Feyiase (in English), retrieved 2025-07-08
  4. Henry Kwadwo Amoako (2021-10-05), The Battle of Feyiase: Rituals Performed by Okomfo Anokye in The Heat of The Battle (in American English), retrieved 2025-07-08
  5. From Gold to Ashes: The Rise and Fall of the Denkyira Empire at the Hands of Asante (in English), 2024-09-27, retrieved 2025-07-08
  6. Siliconson (2024-06-13), Denkyira & Ashanti War in Twi (Part 1) | Siliconson |, retrieved 2025-07-08
  7. Siliconson (2024-06-23), The End of Denkyira and Ashanti War in Twi | Siliconson |, retrieved 2025-07-08
  8. Dandykunlein #history • 7 Years Ago (2018-02-04), OSEI TUTU AND THE DENKYIRA (in English), retrieved 2025-07-08