Asakyiri (Akanfoɔ Abusuakuo)
Asakyiri Abusua yi ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho na abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛno ne abusua a Onyankopɔn dii kan bɔeɛ. Yei nti ɛyɛ abusua a akyɛ pa ara, nanso ɛmu nnipa nnɔɔso. Wɔn piesie ne Asare a ɔfiri Akorokyerɛ. Wɔn nuabaa ne Pɔne. Wɔn nnyesoɔ ne "Yaa Amoakaade Nana"[1]. Ɛbinom wɔ gyidie sɛ Asakyiri ne Asona abusua no yɛ anuanom ankasa. [2] Wɔsane frɛ wɔn Amoakaadefuo na wɔ Fantefoɔ mu no wɔfrɛ wɔn Anonafoɔ.

N'akoraboa
[sesa]Wɔn akraboa ne aboa kɔkɔsakyi anaa ɔpɛtɛ. Saa akraboa yi gyina hɔ ma abotare, animia ne ahonidie. Yei nti wɔnim abusua yi mufoɔ dodoɔ no ara sɛ nnipa a wɔwɔ abotare paa.
Nkuro a wɔdɔm abusua yi
[sesa]Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, saa abusua yi na ɛtee nkuro ahodoɔ bi te sɛ Akorokyerɛ, Akufuo ne nkuro ahodoɔ a ɛwɔ Adanse mpɔtam mu. Nkuro a aka a wɔdɔm saa abusua yi ne Abofuo, Aduanede, Abrenkese, Apeadu, Ayase, Abɔfoɔ, Afiduase ne Adukurom.
Ahemfoɔ a wɔdɔm abusua yi
[sesa]- Akorokyerehene
- Asakyirihene - Amansie
- Abofuohene
- Abrenkese-Nyame-Anihene
- Apeaduhene
- Bobereasehene
- Kusahene
- Afedwaase
- Adukromhene
- Odumasehene - Adanse[1]