Jump to content

Asafo Dwom

Ɛfi Wikipedia

Asafodwom yɛ Akanfoↄ nwom a wↄto no ↄko berɛanaa aniberɛ aba[1].

N'abↄseɛ

[sesa]

Asɛmfua ''Asafo'' firi fante mu [2] Asa yɛ asɛmfua ''ↄsa'' a ɛgyina hc ma ↄko dodoↄ kabea. [3]

Berɛ a Wↄto Asafodwom/Asafo dwom

[sesa]

Wↄ Akan man  mu no, asafo dwom di dwuma titire wɔ ahensie, ahentuo, ne ɔberempɔn bi ayiyɛ mu. Mpo obi  yera na wɔrekɔhwehwɛ no a, wɔtumi to asafo dwom. Ↄmaeɛ mfatoho bi faa kwan a Kambafoɔ  a wɔfiri Kenya no fa so de dwontoɔ hoahoa ɔberempɔn bi berɛ a wayɛ adekɛseɛ bi. Saa mfatoho  yi ne n'adwenkyerɛ a ɛfa asafo dwom ho a yɛadi kan aka no wↄ twaka sɛ, yɛhwɛ kambafoɔ deɛ  yi a, ɛnyɛ obi a wako adi nkonim nko na wɔto saa asafo dwom yi hoahoa no.[4] [5]

Yɛba akanfoɔ  asafo dwom toɔ mu a, Akanfoɔ wɔ akofoɔ bebree a wɔde wɔn  gu akuo akuo mu. Ekuo biara wɔ ɔno ankasa nneyɛɛ bi a ɛda nso firi akuakuo nkaeɛ no deɛ ho.  Wɔn tweneka, ne sɛdeɛ wɔnwono wɔn nnwom mu nsɛm no nyinaa da nso firi afoforɔ deɛ ho.  Nnɛ yi, woka Fante fam a, saa asafo akuakuo yi da so wɔ hɔ a, wɔdi afahyɛ ne  dwumadie atitire mu akotene pa ara. [6] Saa asafo yi mu mma yɛ mmarima akantinka a wɔwɔ  baanodani. Ↄkyerɛ mu a, wɔn baanodani no abodin ne frankaatufoɔ. Sɛ wɔredi wɔn dwuma  biara a, saa frankaatufoɔ yi taa kuta frankaa no. Ɔfiri hɔ a, wɔwɔ aboafoɔ a wɔboa no sɛ  n'abadiakyirefoɔ. Abadiakyirefoɔ no bi ne asafo kyerema a ɔyɛ twenekafoɔ no nyinaa  baanodani. Ɔno na ɔkanyan akofoɔ no nyinaa. Afei, wɔsan wɔ nnawunta-bɔfoɔ a ɔno na ɔde  nnawuta gyina mu berɛ a wɔreto asafodwom. Deɛ ɛdi soɔ yi yɛ Apagyafoɔ a wɔwɔ Fante fam  asafo nnwom no mu baako [7] .

Asafodwom ho Mfasoɔ

[sesa]

Asafodwon kayan akofoɔ. Sɛ wɔrekɔ ako na sɛ wɔto asadwom a, ɛde nkanyan soronko bi ba akofoɔ no mu. Wɔnya ahoden foforɔ ne nkuranhyɛ bi. Akono mpo no, ekuo be asafodwom tumi bɔ wɔn atamfo hu. Wei ma wɔtumi di wɔn atamfo so nkunim [8].

Wɔde gyegye wɔn ani. Asafo dwom wɔ asa soronko bi a wɔde sa. Berɛ a dwumadie bi rekɔ so no, sɛ ebia ahensie, ayiyɔ, afahyɛ ne dwumadie a aka bi ase no, wɔtumi to asafo dwom sa asafofoɔ asa de gyegye abadwafoɔ ani. Wɔtumi koraa yɛ bi te sj akansie [9].

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-06-26
  2. Ghana's Soul on Cloth: A Journey into the World of Asafo Flags (in English), retrieved 2025-06-26
  3. Ghana's Soul on Cloth: A Journey into the World of Asafo Flags (in English), retrieved 2025-06-26
  4. J. H. Kwabena Nketia (1969), Funeral dirges of the Akan people, Negro Universities Press, ISBN 978-0-8371-2757-6, retrieved 2025-06-26
  5. Asafo Weedamiah (in English), retrieved 2025-06-26
  6. J. H. Kwabena Nketia (1969), Funeral dirges of the Akan people, Negro Universities Press, ISBN 978-0-8371-2757-6, retrieved 2025-06-26
  7. Asafo Weedamiah (in English), retrieved 2025-06-26
  8. Asafo Weedamiah (in English), retrieved 2025-06-26
  9. Asafo Weedamiah (in English), retrieved 2025-06-26