Asaana

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asaana (About this soundsɛnea yɛbɔ"Asana" ) yɛ nsa bi a ɛmmo a wɔde eburo a abo nsa ne esikyire na ɛyɛ. Wɔ Ghana mmeae bi no wɔfrɛ no elewonyo anaa hausa beer.[1][2]

Asaana

Nnoɔma a wɔde yɛ[sesa]

  • Eburo a abo nsa
  • Esikyire
  • Nsuo

Kwan a wɔfa so yɛ[sesa]

  • Fa eburo a yɛsi no kakra gu nsuo mu bɛyɛ nna mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛbo nsa.[3]
  • Noa eburo no a abo nso no bɛyɛ sima aduanan num (45min) kɔsi sɛ ɛhuro no bɛba yie.
  • Fa nsuo kakra ka esikyire no ho na noa kɔsi sɛ ne ahosuo no bɛsesa ayɛ dodowee.
  • Wowie na wasone eburo no a wonoa no so na wode aka esikyire nsuo no ho.
  • Wobetumi anom no saa anaa wode miliki bɛka ho.

Beaeɛ a mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.modernghana.com/lifestyle/10392/how-to-prepare-asaana-caramelized-corn-drink-at-home.html
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/business/Kasapreko-targets-global-market-with-Sobolo-Asaana-Hausa-beer-403763
  3. https://www.pulse.com.gh/lifestyle/food-travel/weekend-special-how-to-prepare-asaana-caramelized-corn-drink/elzrp8j