Jump to content

Asɛm-Sɛ-Bɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Asɛm Sɛ Bɛ yɛ abakɔsɛm bi a wɔabɔ no tɔfa wɔ ɔkasamu baako mu. Ɛyɛ ɔkasa a ne suban rekɔwiewie sɛ ɛbɛ nti na yɛfrɛ no ‘Asɛm a ɛsɛ ɛbɛ.’ Saa ɛbɛ yi abɔseɛ firi ayɛsɛm anaaabakɔsɛm bi mu. Afei nso, ɛda nokwasɛm a asi wɔ abrabɔ mu adi. [1] Saa ɛbɛ yi yɛ asɛm a asi pɛn a ɔmanfoɔ no taaka de ka asɛm.

Yɛbɛtumi anya ho nhwɛsoɔ afiri saa ɛbɛ yi ‘Tafo Koo Nti, ɔde ahommɔbɔ adan ɔdɔ. Na Koo Nti firi Tafo. Esiane ohia nti na abrabɔ no retwa no mmaa ankasa. Yei maa ɔbaa bi a ɔtɔn waakye huu ne mmɔbɔ sɛ, da biara ɔmmra mmɛgye aduane no bi nni kwa. Ɔbaa yi reyɛ Koo Nti papa no nyinaa no, na ɔnim sɛ ɔbaa no ani gye ne ho. Enti da koro, Koo Nti de kɔtoo ɔbaa no anim sɛ n’ani gye ne ho na ɔpɛ sɛ wɔtena sɛ awarefoɔ. Yei na ɛmaa ɔbaa no kaa saa asɛm yi, ‘Tafo Koo Nti, wode ahummɔbɔ adane ɔdɔ.’ Yei yɛ asɛm a ɛsi pɛn nanso ɛsiane sɛ ɔmanfoɔ taa ka de yɛ asɛm nti ɛreyɛ adan ɛbɛ ara ne sa.[2]

Asɛm-Sɛ-Bɛ ho nhwɛsoɔ

[sesa]

Nhwɛsoɔ ahodoɔ a ɔde maeɛ no bi na ɛdidi so yi;

i. Obi abawu tuatua obi aso.

ii. Mmere dan a, dan wo ho bi.

iii. Wote faako a, wote w’ade so.[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Boahen, A. (2001). Comprehensive Notes on Ghanaian Culture (Akan). Unpublished manuscript.
  2. 1 2 OSEI KUFFOUR B. (2020) AKANFOƆ ABԐBUDEԐ MPԐNSԐMPԐNSԐMU A ԐGYINA MƆFƆLƆGYI NE SENTASE NHYEHYԐEԐ SO. Mphil Thesis.