Jump to content

Antoinette Sayeh

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Antoinette Sayeh
International Monetary Fund
Mprenpren
Bere
16 March 2020
Sikasem ho Somfoɔ
Bere
2006–2008
ƆmanpanyinEllen Johnson Sirleaf
OdikanfoLusine Kamara
AnanmusiniAugustine Kpehe Ngafuan
Ne ho asɛm
Awo bere12 July 1958 (1958-07-12) (age 67)
Monrovia, Liberia
Ne manLiberiani
Sukuu a w'akɔSwarthmore College
The Fletcher School of Law and Diplomacy
N'adwumaEconomist

Antoinette Monsio Sayeh wowoo no wɔ (afe apem-biako ahankron ne aduonum awotwe wɔ Kitawonsa bosome ne da a ɛtɔ so du-abien12 July, 1958), yɛ Liberia sikasɛm ho benfo (economist) ɔsan yɛ ɛnkane Ɔsomfoɔ wɔ Sikasɛm ho. Ɔyɛɛ adwuma sɛ Ɔhwɛfo Panyin Abadiakyiri (Deputy Managing Director) wɔ Amanaman Ntam Sikakorabea Ahyehyɛdeɛ (Internationa Monetary Fund-IMF) kɔsii afe mpem mmienu ne aduonu-annan (2024).[1] Sayeh san yɛɛ Ɔkwankyerɛfo (Director) wɔ Abibiremu Dwumadibea (Africa Department) a ɛwɔ IMF no mu fii Kitawonsa bosome no mu ne da a ɛtɔ so du-nan wɔ afe mpem-abien ne awɔtwe (14 July, 2008) kɔsii Ɔsanaa bosome ne da a ɛtɔ so aduasa-biako wɔ wɔ afe mpem-abien ne du-nsia mu ( 31 August, 2016).[2][3] Bio nso, ɔyɛɛ Ɔhɔhoɔ Ɔbenfo a Ɔda Nsonsonoeɛ Adi wɔ Nkɔsoɔ Asoeɛ ( Distinguished Visiting Fellow at the Center for Global Development).[4]

Abrabɔ

[sesa]

Sayeh yɛ obi a ɔwiee sukuu wɔ Swarthmore College ne Fletcher School of Law and Diplomacy, baabi a onyaa Abɔdeɛ akyirikyiri abodin krataa ( MA) ne Dokita Abodin krataa ( Ph.D ) wɔ Amanaman Ntam Sikasɛm Abusuabɔ ( International Economic Relations) mu. Sayeh nso ayɛ adwuma ama Amanaman Ntam Sikakorabea (World Bank) sɛ ɔman sohwɛfo (country director) maa Benin, Niger ne Togo, na ɔyɛɛ adwuma wɔ ɔman sikasɛm nhyehyɛe (public finance management) ne aban adwumayɛfo nsakrae (civil service reform) ho wɔ Pakistan. Sɛnea BBC kyerɛ no, bere a Sayeh yɛɛ Liberia Sikasɛm Soafo (Minister of Finance) no,[5] [6]“ɔmaa amanaman ntam sikasɛm ahyehyɛde ahorow ani gyee paa.”

Ansaa na ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ Amanaman Ntam Sikakorabea Ahyehyɛdeɛ ( International Monetary Fund) no, ɔyɛɛ Liberia Sikasɛm Soafo (Minister of Finance) fi afe mpem-mienu ne nsia ( 2006) kɔsi afe mpem-mienu ne nwɔtwe ( 2008) wɔ ɔmanpanyin Ellen Johnson Sirleaf aban mu. Sayeh yɛ ɔbaa a ɔto so mmienu wɔ Liberia amanneɛ mu a ɔde saa adwumayɛ nhyehyɛe no yɛɛ, na ɔbaa a edi kan yɛɛ eyi ne Ellen Johnson Sirleaf ankasa. Ɔkaa sɛ n'adwumayɛ titiriw ne sɛ: sɛe ɔman no akyɛde kɛse (high national debt), hyɛ aban bank ne sikasɛm nhyehyɛe mu nsow, na ɔko tia atirimɔden ne amanyɔsɛm mu bɔne (corruption).[7]

Efi afe 2007 no, Sayeh yɛ ɔbaako a ɔwɔ mpanyimfo aban nkyerɛkyerɛfo a wɔhwɛ sikasɛm ne nsakrae ho ( World Bank Group High Level Advisory Council) a ɛhwɛ Maa Sikasɛm Mu Tumi (Women's Economic Empowerment) so, a na Danny Leipziger ne Heidemarie Wieczorek-Zeul[8] yɛ aban no mpanyimfo.

Nsɛm a wɔde gyinaa so

[sesa]
  1. IMF Deputy Managing Director Antoinette Sayeh to Retire from the Fund (in English), retrieved 2026-02-28
  2. Press Release: Antoinette Sayeh, Director of the African Department, to Retire from the Fund (in English), retrieved 2026-02-28
  3. FPA Staff Reporter (2016-09-20), Dr. Antoinette Sayeh Retires From International Monetary Fund (in English), retrieved 2026-02-28
  4. IMF Managing Director Kristalina Georgieva Proposes the Appointment of Antoinette Sayeh as Deputy Managing Director (in English), retrieved 2026-02-28
  5. Liberian cabinet posts announced (in British English), 2006-01-17, retrieved 2026-02-28
  6. Antoinette Monsio Sayeh (in English), retrieved 2026-02-28
  7. Liberian cabinet posts announced (in British English), 2006-01-17, retrieved 2026-02-28
  8. Wayback Machine (PDF), retrieved 2026-02-28