Anthony Bright Boadi-Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Anthony Bright Boadi-Mensah
MP for the Obuasi constituency
Bere
2001-January-07 – 2005-January-06
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MpɛsoaObuasi
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaAmanyɔni

Anthony Bright Boadi-Mensah yɛ Ghana amanyɔni.[1][2] Ogyinaa hɔ maa New Patriotic Party amanyɔ kuw no.[1] Na ɔyɛ mmrahyɛbadwamuni ma Obuasi mpɛsua wɔ Ghana man mu.[1][2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mensah dii kan bɛyɛɛ mmrahyɛbadwamuni wɔ afe 1996 mu.[3][4] Ɔka New Patriotic Party kuw no ho. Wɔ afe 2004 mu no, Edward Michael Ennin a ɔno nso fi New Patriotic Party tuu no n'akongua no so.[3]

Abatow[sesa]

Wɔ afe 1996 Ghana abatow mu no, ɔde mma 44,721 na ɔde dii nkonim.[4] Saa afe no, mma dodow a wɔtow wɔ mpɛsua no mu si 76,429.[3][4] Enti na Mensah aba no gyina hɔ ma mma dodow a wɔtow no mu 47.7%.[4]

Wɔ afe 2000 mu no, ɔsan gyinae maa New Patriotic Party sɛ mmrahyɛbadwamuni, na ɔsan dii nkonim.[5] Na ne mpɛsua ka mpɛsua a New Patriotic Party nyaa mmrahyɛbadwam nkogua wɔ mu wɔ Asante Mantam.[5] Na nkogua 33 na ɛwɔ Asante mantam.[6] New Patriotic Party nyaa emu 31. Wɔ mmrahyɛbadwam nkogua dodow a na ɛwɔ hɔ no yɛ 200.[7] New Patriotic Party nyaa emu 99.[5][7] Ɔde mma 46,787 na ɔde dii nkonim wɔ saa afe abatow mu.[5][8] Mma dodow a wɔtow wɔ saa mpɛsua no mu no si 72,491.[5][8] Eyi kyerɛ sɛ Mensah nyaa mma dodow a wɔtow wɔ saa mpɛsua no mu 65.4%. Odii Yaw Nsiah Peppah a ogyina maa National Democratic Congress, Sarfo Kantanka a ogyina maa Convention Peoples' Party, Mohammed Nurudeen a ogyina maa People's National Convention, Abdulai Y. Issaku a ogyina maa United Ghana Movement ne Douglas F. Agyemang a ogyina maa New Reformed Party no so nkonim.[5][6] Eyi mo nyaa mma 18,011, 4,193, 1,636, 806, 123 a egyina hɔ ma mma no mu 25.2%, 5.9%, 2.3%, 1.1% ne 0.2%.[5][7][8]

Beae a menyaa nsɛm no fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://ghanamps.com/mps-by-year-group/?group=2463
  2. 2.0 2.1 Members of Parliament of Greater Accra Region". www.ghanaweb.com
  3. 3.0 3.1 3.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/ashanti/32/index.php
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/ashanti/32/index.php
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 5.5 5.6 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/32/
  6. 6.0 6.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/index.php
  7. 7.0 7.1 7.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/index.php
  8. 8.0 8.1 8.2 Electoral Commission of Ghana. Parliamentary Result- Election 2000 (PDF). Accra: Electoral Commission of Ghana. 2007. p. 9.