Jump to content

Ansaabɔdeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nsaabɔdeɛ/Nsawa yɛ sika a adɔfoɔ a wɔkɔ ayie tua ma owufoɔ no abusua de boa ma wɔte wɔn ka so.

Berɛ a Wɔgye Nsaabɔdeɛ

[sesa]

Akanfoↄ ka asɛm bi sɛ ayie yɛ nkↄgyankↄgya – yei kyerɛ sɛ, ayie to obiara. Ↄtoa so ka sɛ, wɔ Akanfoↄ mu no, nsawa yɛ adeɛ a obiara yɛ ma ne yɔnko; sɛ obi firi mu wↄ obi fie a, ɛsɛ sɛ ɔboa afoforↄ ma wɔn nso yɛ saa ara. Asantefoↄ ka sɛ nsawa deɛ ɛyɛ gye fa to me hɔ, anaa boaboa ano na fa sie ma me. [1]Enti nsawa yɛ ayiyɛ ho sika a wɔhwɛ kwan sɛ wↄbɛnya ho mfasoↄ daakye. Saa nneyɛɛ yi no kyerɛkyerɛ sɛdeɛ Akanfoↄ si ɔmanfoↄ ntam abusuabɔ so dua sene sɛ wↄbɛsi ankorɛankorɛ so dua no mu. Wↄ Akanman mu no, ɛyɛ ankorɛankorɛ biara asɛdeɛ sɛ wobↄ nsawa wↄ berɛ a obi ho aka. Abusua a wↄn ho aka no si pono de gyegye nsawa no, ne titire no, wↄgye ne nyinaa ara wↄ sika mu. Sɛ wɔde wɔn sika no kɔ pono no ho a, wɔma wɔn adansidie krataa ketewa bi, na akyire yi wɔde ato dwa. Edin nsawa abↄseɛ no firi “nsa” ne kasasin “-wa” (ketewa) mu na ɛbaeɛ a, ɛkyerɛ nsa kakra a wɔde rema wɔn a wↄn biribi awu no. Agyamfoↄ ahodoↄ nso de wↄn sika mane ansa na ayie no aduru anaa sɛ wↄawie ayie no koraa yɛ. Nsabↄdeɛ no nnyɛ sika nko ara. ℇtumi yɛ abrↄfo nsa anaa nsaden, anaa nsuo ne deɛ ɛkeka ho.[2]

Ayiyɛ ho ntoboa, a frɛ no nsawa, yɛ sika anaa biribi a obi anaa ahyehyɛdeɛ bi de boa abusua a wɔn biribi awu no wɔ ayiyɛ mu ne berɛ a ayiyɛ no aba awiei. Nnoↄma a wɔde yi ntoboa no yɛ dea mfasoↄ wɔ so ne sɛnkyerɛnne kwan so deɛ, wɔde sika boa wɔn, na wɔkyerɛ ayamhyehyeɛ ne mmoa. [3]

Deɛ ka dwuma a nsawa di ho no ho ne sɛ ɛyɛ kwan a wɔfa so kyerɛ nidie ne obuo ma awufoↄ ne wɔn abusuafoↄ. Ɛkyerɛ mmoa ne ayamhyehyeɛ a abusua no nyinaa nya wɔ berɛ a awerɛhoↄ ne adehwere bi aba mu. Nsabↄdeɛ mu sɛ ɛyɛ ntoboa a wↄn a wↄn biribi afiri mu no de wɔn ho to so boaboa ano de tua ayie no ka ahodoↄ.[4]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  2. "Metaphorical euphemisms in death-discourse among the Nzema", Studies in African Languages and Cultures (in English), no. 56, pp. 127–153, 2022, ISSN 2545-2134, retrieved 2025-08-18
  3. How to make charitable donations in memory of a loved one. (in British English), retrieved 2025-08-18
  4. How to make charitable donations in memory of a loved one. (in British English), retrieved 2025-08-18