Ano Kasadwini
Anom kasadwini mu yɛ kasadwini a yɛde yɛn ano na ka na ɛyɛ nsɛm bi a tetefoɔ no aka ato hɔ de agya nkyirimma. Saa kasadwini yi yɛ nnipakuo no nyinaa deɛ a baakofoɔ ntumi mfa ne nsa nsi ne bo sɛ ɛwɔ no. Ɛho nhwɛsoɔ no bi ne nsuiɛ, asafodwom, anansesɛm, mmɛ, agya rekorɔ, nsaguo, amoma, ayan kasa a akyerɛma de yan ntwene ahodoɔ ne deɛ ɛkeka ho. Ɛtumi nso yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkasa. [1][2]
Yɛtumi hu anom kasadwini ho nsɛnkyerɛnneɛ yi bi wɔ ntoma mu, akyeamepoma ne bankyiniiɛ so, pɛtia ne ahenema so. Yɛtumi hunu bi nso wɔ wuram a ɛfa nkɛtɛsie, kyɛmferɛ, mmerɛkɛnsono, ahahanguo a ɛgyina hɔ ma abɛbudeɛ, asɛnka, kɔkɔbɔ na sane da nsɛmpɔ titire bi adi.[3]
Anom kasadwini so mfasoɔ
[sesa]Anom kasadwini boa kasasua ne anoteɛ. Yei te saa ɛfiri sɛ, kasadwini yi ma kasa yɛ hwam. Anom kasadwini boa ma nnipa ma wɔhunu wɔn amammerɛ ne wɔn amanneɛ nyinaa ani so yei na ɛboa yɛn ma yɛhunu nnipa a yɛyɛ, deɛ yɛfiri ne deɛ yɛrekɔ. Anom kasadwini yɛ adesuadeɛ ma nkyirimma a ɛyɛ anom kwasadwini ho adesua anaa ɔral litirikya na ɛsane nso kyerkyerɛ yɛ suban pa na ɛda yɛn gyidie binom adi. [4]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Afoakwa, k. (2014). Akan kasadwini ho adesua bi: (Unpublished).
- ↑ Agyekum, K. (2011). Akan Kasadwini. Accra: Dwumfour publication.
- ↑ https://ir.uew.edu.gh/bitstream/handle/123456789/1317/Okofo%20asenso%20nwoma%20%E2%80%98batakari%20ad%7D%7Dso%E2%80%99%20mu%20mp%7Bns%7Bmp%7Bns%7Bmu%2C%20emu%20Akanfo%7D%20ns%7Bmp%7Dtitire%2C%20amammer%7B%2C%20kasasu%20ne%20agor%7Dmma.pdf?sequence=1&isAllowed=y
- ↑ https://ir.uew.edu.gh/bitstream/handle/123456789/1317/Okofo%20asenso%20nwoma%20%E2%80%98batakari%20ad%7D%7Dso%E2%80%99%20mu%20mp%7Bns%7Bmp%7Bns%7Bmu%2C%20emu%20Akanfo%7D%20ns%7Bmp%7Dtitire%2C%20amammer%7B%2C%20kasasu%20ne%20agor%7Dmma.pdf?sequence=1&isAllowed=y