Anna Nyamekye

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

((Databox}}

Anna Nyamekye yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Jaman Anaafoɔfam abatoɔ mpɛsoaso a ɛwɔ Brong ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region) wɔ Ghana.

Anna Nyamekye
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAnna Sesa
family nameNyamekye Sesa
date of birth25 Obubuo 1954 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, educational theorist Sesa
position heldMember of the 4th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewEastern Orthodoxy Sesa

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Sukuu[sesa]

Nyamekye yɛ woo no wɔ Obubuo bosome no ne da a ɛtoaso aduonu num wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan no mu. Onyaa ne sukuupɔn abodin krataa sɛ abɔdin krataa a ɛdi nkae wɔ nimdeɛ pɛ mu wɔ Oguaa Suapɔn mu (University of Cape Coast).

Adwuma[sesa]

Nyamekye na ɔyɛ nimdeɛpfoɔ na ɛno ne n'adwuma.

Amanyɔsɛm[sesa]

Nyamekye yɛ mmarahyɛbedwani a na ɔgyina ma Jaman Anaafoɔfam abatompɛsoaso (Jaman South Constituency) wɔ Ghana mmarahyɛbedwakuo a ɛtoaso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amamuo a ɛtoso nan no mu. Ɔsan so yɛɛ adwuma sɛ ɔmansoafoɔ abɛdeakyire a ɔhwɛ nnuane ne kuadwuma so. Na ɔsanso yɛ ɔmansoafoɔ a na ɔhwɛ mmoa mmoa so.[1]

2000 Abatoɔ[sesa]

Nyamekye ɛwɔ mfie mpem mmienu abatoɔ no mu ne mmerɛ a wɔn dii nkae too aba yii no sɛ mmarahyɛbedwani a na ɔgyina hɔ ma Jaman Anaafoɔfam abatompɛsoaso (Jaman South Constituency)wɔ akane Bono ne Ahafo mantam no mu a ɛnnɛ yi ɛyɛ Bono mantam no mu (Brong Region) wɔ Ghanaman abatoɔ a wɔn to no wɔ Ghana afanaa nyinaa no mu.[2] Wɔ mmarahyɛbedwam no ɔno ɛna na ɔgyina hɔ ma saa abatoɔ mpɛsoa no so wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amamuo a ɛtoso nan no mu. Wɔ abatoɔ no mu no mma a wɔn de yii no kɔɔ mmarahyɛbedwam no,onyaa mpem du-nkron aha-son ne aduonu (19,720) de firii mma mpem adua-nan,aha-nwɔtwe ne aduosia nkron (40,869) a wɔn gye too mu no mu. Waei ne gyinapɛn bɛ yɛ sɛ ɔha nkyekyemu aduanan-nwɔtwe ne akyiripo mmiensa na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu no mu.[2] Wɔn too aba yii no sɛ nkunimdifoɔ wɔ Nicholas Appiah-Kubi a na ofiri ɛyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo a ɛno ne (National Democratic Congress) NDC mu, Clement Anane a na ofiri National Reform amanyɔkuo (National Reform Party) no mu , Stephen Kwabena Nkyibena a na ɔno nso firi (Convention Peoples Party) a ɛno ne CPP amanyɔkuo no mu ɛne Fedal Miss Gyasi a na ɔno nso firi (People's National Convention) a ɛno nso ne PNC amanyɔkuo.[2] waei ne mma a wɔn a ɔgyinaeɛ ma wɔn too wɔn so aba no nyaeɛ wɔ ne nnidisoɔ. Nyamekye nyaa mma no mu mpem du-nkron, aha-nson ne aduonu, Appiah-Kubi nso nyaa mma no mu mpem, du-nwɔtwe, aha-nwɔtwe ne nson,Anane nso nyaa mma no mu apem,aha-num ne aduokron baako, Kwabena Nkyibena aha-nan ne mmiensa ɛne Gyasi na ɔno nso nyaa mma no mu aha-mmiensa ne aduanan nwɔtwe. Waei nso ne susupɛn wɔ ɔha nkyekyem wɔ sɛ nea abatoɔ no kɔeɛ wɔ ne nnidisoɔ. Nyamekye ,ɔha nkyekyemu aduanan-nwɔtwe ne akyiripo mmiensa, Appiah-Kubi nso nyaa ɔha nkyekyemu aduanan nsia, Anane nso nyaa ɔha nkyekyemu mmiensa ne akyiripɔ nkron, ɔha nkyekyemu baako nso kɔ maa Kwabena Nkyibena ɛna ɔha nkyekyemu hwee ne akyiripɔ nkron nso kɔ maa Gyasi. Wɔn too aba maa Nyamekye maa no kɔɔ mmarahyɛbedwam wɔ (New Patroitic Party) a ɛyɛ NPP amanyɔkuo no tumi krataa so.[3] Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbedwam nkonwa du-nan a (New Patroitic Party) NPP amanyɔkuo no nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu baako a ɛno ne ne dodoɔ nyinaa wɔ abatoɔ no mu wɔ akanee no Bono ne Ahafo mantam (Brong Ahafo Region) no a ɛnnɛ ɛno ne Bono mantam (Bono Region) no mu wɔ Ghana.[4][5] Wɔn a wɔ to aba wɔ saa mpɛsoa no so no too aba a yɛ frɛ no sɛ sikɛɛte ne braawoso wɔ saa afe no abatoɔ no mu a deɛ akyere ne sɛ wɔn too aba de maa ɛyɛ saa mmerɛ no mu no amanyɔkuo a na wɔn nni abae mu no,ɛmu kɛseɛ a na ɛwɔm a na ɛno ne (National Democratic Congress) NDC amanyɔkuo no nnipa wɔn de no baeɛ bɛgyina sɛ yɛn to ne so aba sɛ Ɔman Panin no nanso mmarahyɛbadwam akonnwa no deɛ wɔ to de maa Nyamekye a na ɔfiri New Patroitic Party ɛyɛ NPP amanyɔkuo no mu.[3] Wɔ ne nyinaa mu no New Patroitic Party ɛyɛ NPP amanyɔkuo no nyaa mmarahyɛbadwam no nkonwa dodoɔ no ara na wɔn nyaa ɔha (100)de firii nkonwa dodoɔ aha mmienu (200) no mu ɛwɔ Adehyeman Ghana amamuo a ɛtoso mmiensa no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoaso nan no mu.[5]

2004 Abatoɔ[sesa]

Nyamekye wɔn sanso too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani ne mprenu soɔ wɔ ɔman Ghana abatoɔ a wɔn to no wɔ ɔman mu no nyinaa mu no wɔ mfie mpem mmienu ne nan abatoɔ no mu.[6] Wɔ gyina hɔ sɛ Mmarahyɛbadwani de maa mpɛsoa no so wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu. Wɔn de abatoɔ no mu mma mpem du-nson aha-nwɔtwe ne aduanan-mmienu a ɛno ne mma a ɔnyaeɛ de firii ɛyɛ mma mpem aduasa-baako,aha-mmienu ne aduokron wɔ mma a wɔn gye to mu na yii no sɛ ɔkɔ gyina wɔn aman mu wɔ mmarahyɛbadwam. Waei ne susupɛn ɔha kyekyɛ mu mpem aduonum-nson ne akyiripɔ mmienu wɔ abatoɔ wɔn gye to mu no nyinaa mu.[7] Wɔn too aba maa no dii nkunim wɔ Osei Kuranteng a na ɔfiri People's National Convention party a yɛ twa no tiawa sɛ PNC amanyɔkuo, Ahamed Ashams Dinu a na ɔfiri National Democratic Congress a yɛ twa no tiawa sɛ NDC amanyɔkuo,Oteng Agyeman Jacob a na ɔfiri Convention People's Paty a yɛ no tiawa sɛ CPP amanyɔkuo no mu ɛne Oppong Maabena Martin a na ɔno nso firi Democratic People's Paty a yɛ twa ɛnoso tiawa sɛ DPP amanyɔkuo no mu. Awei no mo nyaa mma no mu aha-nson ne aduo-wɔtwe mmienu (782),mpem adu-mmienu ne aduo-wɔtwe num(12,085),aha mmiensa ne aduasa-son (337), ɔha ne aduoson mmiensa (173) wɔ ne nnidisoɔ nnidisoɔ.[6][7] Waei ne susupɛn wɔ ɔha nkyekyemu na ɛyɛ pɛ ,ɔha nkyekyemu mmienu ne akyiripɔ nun,(2.5%),aduasa- nwɔtwe ne akyiripɔ nson (38.7%),baako ne akyiripɔ baako (1.1%) ɛne hwee ne akyiripɔ nsia (0.6%) ne nnidisoɔ nnidisoɔ mu wɔ Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a wɔ toɔ no mu.[6][7] Nyamekye wɔn sanso too aba maa no wɔ (New Patroitic Party) ɛyɛ NPP amanyɔkuo no tumi krataa so.[6][7] Na ne mpɛsoa so no ka mmarahyɛbadwan nkonwa du-nan (14) a NPP (New Patroitic Party) nya de firii nkonwa aduonum-nan no ho wɔ akanee no Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ghanaman abatoɔ no mu.[5][6] Wɔ ne nyinaa mu no New Patroitic Party na ɔnyaa Mmarahyɛbadwani nkonwa dodoɔ no ara na wɔn nyaa a na ne dodoɔ no yɛ aha ne du-nan (114) wɔ aba wɔ tooeɛ wɔ saa afe no mu na wɔn nyaa de firii aha-mmienu ne aduasa (230) mmarahyɛbadwam nkonwa no ne dodoɔ nyinaa mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nan wɔ Adehyeman Ghana amamuo a ɛtoso nan no mu.

Ankorankoreɛ Abrabɔ[sesa]

Nyamkye yɛ Okristoni.[1]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 BusinessGhana, retrieved 2022-09-07
  2. 2.0 2.1 2.2 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Jaman Constituency, retrieved 2022-09-07
  3. 3.0 3.1 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Jaman Constituency, retrieved 2022-09-11
  4. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-09-11
  5. 5.0 5.1 5.2 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-11
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Jaman South Constituency, retrieved 2022-09-11
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Jaman South Constituency, retrieved 2022-09-14