Jump to content

Ankaa (Orange)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

(Citrus Sinensis) a wɔsan frɛ no Ankaa yɛ pomelo ne mandarin ankaa a wɔaka abom. Ankaa firi China atɔeɛ fam,Northeast India ne Myanmar na ɛbaeɛ.[1]N’ahosuo no yɛ ahabanmono nanso sɛ ɛbere a na abɛyɛ yɛlo.Yɛwɔ ankaa no bi wɔ hɔ nso a ɛmu no bere kɔkɔɔ.[2][3]

Ne Dua

[sesa]

Ankaadua no nyini wɔ beaeɛ a ɛwɔ yɛ nwunu kakra na awia nso bɔ kakra. Wɔ afe 2022 mu no,wiase afanaa nyinaa tumi de ankaa ɔpepem aduoson nsia (76million) na ɛbaeɛ a Brazil na ɔde ɛmu kɛseɛ paa baeɛ, bɛyɛ sɛ ɔha mu nkekyɛmu aduonu mmienu. Ɛna India nso ne China toaa so.

Ne Dwumadie

[sesa]
  • Yɛdi ankaa ma ɛde ahoɔden ba nipadua no mu.[4][5]
  • Wɔhata ne hono no na wɔahye de apam ntontom.
  • Ɛwɔ fibre a ɛboa ma aduane a yɛdi kɔ nipadua no mu no yam.[6]
  • Ɛwɔ nnuanenuro a wɔfrɛ no potassium a ɛboa ma akoma no bɔ kama.[7]

Ahodoɔ

[sesa]

Ankaa ahodoɔ no bi ne;

  • Mandarin (tangerine)
  • Seville ankaa
  • Seedling navels
  • Jaffa
  • Maltese
  • Blood orange

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. 🍊 Everything you need to know about oranges (in English), retrieved 2025-07-18
  2. Nutritional Facts and Health Benefits of Oranges (in English), 2019-03-18, retrieved 2025-07-18
  3. Everything Orange Season 2 (in English), retrieved 2025-07-18
  4. 60 Things That Are Orange, 2024-10-11, retrieved 2025-07-18
  5. Nutritious Movement (in English), retrieved 2025-07-18
  6. Charlene Lewis (2024-03-01), 20 Things That Are Orange - Pumpkin Spice and Everything Nice (in American English), retrieved 2025-07-18
  7. Orange | Vitamins, Minerals & Health Benefits | Britannica (in English), 2025-07-09, retrieved 2025-07-18