Jump to content

Anisoabirabɔtia(Oxymoron)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Anisoabirabɔtia yɛ kasasu a wɔde di dwuma wɔ kasadwini mu no mu baako.[1][2] Borɔfo kasa mu no, yɛbɛka no sɛ 'oxymoron'. Wei yɛ kasasu a yɛde nsɛmfua mmienu a ɛbɔ abira koraa abom baako de rekyerɛ biribi. Mpɛn pii no, sɛ obi nnim kasasu yi na ɔhunu a, ɔbɛka sɛ ɛntɔ asom nanso ɛnte saa. Woahunu ↄbaa a ne nanteε ne kasa, ne nneyↄeε te sε ↄbarima pεn? Wohunuu no no, sεn na wofrεε no wↄ wo tirim? Wokaa ↄbaa barima anaa? Ԑwom sε ↄnni mmaa ne mmarima bↄbea nyinaa bi, nanso wↄfrε no ↄbaa barima.[3][4]

Nhwɛsoɔ

[sesa]
  • Asεm no ayε suasere.
  • Aberanteε no yε teaseawuo.
  • Abɔfra no yɛ panin akwadaa

Anisoabirabɔdeɛ dwumadie wɔ kasa mu

[sesa]

Wɔ kasa mu no, yɛde saa kasasu yi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda nneɛma mmienu bi ntam. Ne yɛ mu no, yɛde saa nneɛma yi gu nsɛnneɛ ani de wɔn mu biara toto ne yɔnko ho, hwɛ nsonsonoeɛ a ɛda wɔn ntam. Yɛnhyɛ no nso sɛ berɛ biara no, ɛsɛ sɛ nneɛma mmienu a yɛde reyɛ ntotoho no bɔ abira[5].

Baabi a mmoa firi

[sesa]
  1. What Is an Oxymoron? Definition and Examples (in English), 2022-01-11, retrieved 2025-09-22
  2. 100+ Examples of Oxymoron - Clever Language with Meaning (in English), retrieved 2025-09-22
  3. K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22
  4. What Is an Oxymoron? Definition and Examples (in English), 2022-01-11, retrieved 2025-09-22
  5. K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22