Anansesɛm
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Anansesɛm nkyeraseɛ ne sɛ "Ananse ho nsɛm". [1]Na ɛkyerɛ Akanfoɔ kasadwini a ɛmu dodoɔ no ara da aboa Ananse suban adi sɛ; ɔdaadaafoɔ a n’ani asan ate. Ɛwom, ɛnyɛ Akan kasadwini no nyinaa na ɛde Ananse di dwuma. [2]Anansesɛm abɛyɛ asɛmfua bi a agyina hɔ ama Akan kasadwini ahodoɔ no nyinaa a wɔde Ananse ato so sɛ ɔwɔ adwenkɛseɛ na ɔwɔ Nana Nyankopɔn su ɛno nti na ɛsɛ fata sɛ wɔde ne din to so.[3]
Saa anansesɛm yi yɛ deɛ wɔde wɔano na ɛka, na akɔyɛ adeɛ bi a ɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ na ɛda amammerɛ, nyansa,ne anigyeɛ adi berɛ a wɔreka kyerɛ afoforɔ no. Mpɛn pii no, Anansesɛm tu nnipa fo na ɛma nnipa hunu Akanfoɔ su.[4][5]
Sɛdeɛ Anansesɛm da Akanfoɔ Honhom mu gyidie adi
[sesa]Anansesɛm nam Akanfoɔ som, abosom ne gyidie binom so ma yɛhunu Akanfoɔ honhom mu gyidie. Saa ɔkakyerɛ yi da Akanfoɔ homhom mu gyidie adi wɔ akwan beberee so;
- Onyankopɔn ntam ayɔnkofa: Mpɛn pii no wɔhunu Ananse sɛ bosom bi a nyansa ahyɛ no ma na ɔbɛn Nyame nso. Anansesɛm dodoɔ no ara kyerɛ sɛdeɛ Ananse ne Nyame di nkitaho anaa sɛ ɔgye nyansa ne nimdeɛ firi Onyame hɔ de brɛ nnipa.Wei kyerɛ Akanfoɔ gyidie a wɔwɔ wɔ Onyame mu sɛ Ɔno na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase nanso ɔne nnipa daadaa nkitahodie no wa.[6]
- Ɛgyina hɔ ma Ahonhom ne Abosom: Anansesɛm taa da abosom nketewa adi (Abosom) ne ahonhom a ɛdi dwuma wɔ nnipa ne Onyame ntam. Saa ahonhom yi bɔ nnipa ho ban, na Anansesɛm kyerɛ obuo ne nidie a nnipa de ma saa ahonhom yi.
- Wɔde Asase Yaa di dwuma: Anansesɛm beberee mu no, wɔde nidie a ɛsɛ ma Asase Yaa. Wɔgye di sɛ ɔbɔ nnipa ho ban.
Anansesɛm Mfasoɔ
[sesa]- Ɛda Akanfoɔ amammerɛ adi.
- Ɛde anigyeɛ ba.
- Anansesɛm de nkabom ba ɛnkanka berɛ a nnipa ahyia na wɔretie no.
- Ɛbɔ Akan kasa ho ban.
- Anansesɛm ma Akan kasadwini no tena hɔ.
- Anansesɛm ma nnipa sua nyansa ne nimdeɛ.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Sarah Dorgbadzi (2019), Chukwuma Okoye (ed.), "Orality & the Folktale Reflections on Anansesɛm & its Metaphysical Content", African Theatre 18, African Theatre, Boydell & Brewer, vol. 18, pp. 121–138, ISBN 978-1-78744-695-3, retrieved 2025-07-03
- ↑ What is Anansesem | IGI Global Scientific Publishing (in American English), archived from the original on 2025-07-03, retrieved 2025-07-03
- ↑ The origin of Ghana’s Kweku Ananse Stories (in English), retrieved 2025-07-03
- ↑ The Prince (2023-11-30), Anansesem: The Timeless Tale of Anansi the Spider (in American English), retrieved 2025-07-03
- ↑ Ananse | West African Folklore, Mythology & Legends | Britannica (in English), 2025-06-07, retrieved 2025-07-03
- ↑ Emile Agbeko (2024-09-11), What is Anansesem? Reviving African Folklore and Mythology through Storytelling and Technology (in English), retrieved 2025-07-03