Jump to content

Amoako Boafo

Ɛfi Wikipedia
Amoako Boafo
nnipa
bɔbeasumale Sesa
ɔman a ofiri muGhana Sesa
din a wɔde ama noAmoako Sesa
abusua dinBoafo Sesa
da a wɔwoo no1984 Sesa
beae a wɔwoo noNkran Sesa
n'adwumapainter, visual artist Sesa
field of workart of painting, visual arts Sesa
educated atAcademy of Fine Arts Vienna Sesa
work locationAustria Sesa
has works in the collectionMinneapolis Institute of Art, Hessel Museum of Art Sesa
copyright status as a creatorworks protected by copyrights Sesa
personal pronounL485 Sesa

Thomas Amoako Boafo, a dodoɔ no ara frɛ no Amoako Boafo no yɛ Ghana dwumfoɔ a ɔsane nso yɛ penta. Wɔwoo no Kɔtɔnimaa da a ɛtɔ so du wɔ afe Apem ahankron aduonnwɔtwe nan (10 May 1984) mu.

Abrabɔ Ahyɛaseɛ

[sesa]

Wɔwoo Boafo sane nso tetee no wɔ Osu a ɛwɔ Nkran Mantam mu wɔ Ɔman Ghana. Ɔkɔɔ Ghanatta College of Art and Design wɔ Nkran, na akyire yi ɔtoaa n’adesua so wɔ Academy of Fine Arts Vienna wɔ Austria.

Adwuma

[sesa]

Boafo mfoni no mu dodoɔ no ara fa nipadua, ntadeɛ, ne honam dua a ɔde ne nsateaa yɛ no ho. Wɔ afe Mpem mmienu ne du nkron (2019) mu no, Boafo yɛɛ adwuma wɔ Rubell adekorabea(Museum) foforɔ a ɛwɔ Miami, Florida, na wɔ afe Mpem mmienu ne aduonu (2020) mu no, ɔne Dior[1] adwumakuo no yɛɛ adwuma maa wɔn afe Mpem mmienu ne aduonu baako (2021)  awɔ berɛ mu Men Collection.

N'adwuma Suborbital Triptych, a ɛyɛ ne ho mfonini ahodoɔ mmiɛnsa, ne maame, ne n'adamfo bi maame, wɔatintim wɔ New Shepard afidie a wɔde sii hɔ a nnipa nni mu no so wɔ Ɔsanaa bosome da ɛtɔ so aduonu nsia wɔ afe Mpem mmienu ne aduonu baako mu (August 26, 2021). Ɛkɔɔ akyirikyiri nsoromma mu bɛyɛ kwansini ɔha ne nsia (106 km). Wɔ Kɔtɔnimaa da ɛtɔ so aduonu nsia, afe Mpem mmienu ne aduonu mmienu mu no, ne U.S. exhibition a edi kan no, Soul of Black Folks, bueee wɔ Contemporary Art adekorabea (Museum) a ɛwɔ Houston.

Ne Nsa Ano Nnwuma

[sesa]

Boafo adwuma wɔ ankorankora ne ɔmanfo nkabom mu, nnansa yi ara wɔ Blenheim Art Foundation, Los Angeles County Museum of Art, Solomon R. Guggenheim Museum, Hirshhorn Museum, Rubell Museum, Marieluise Hessel Collection, Aishti Foundation, CCS Bard College Hessel Art Museum, Pizzuti Collection of Columbus Museum of Art, Colección Solo ne Albertina Museum wɔ Vienna na wobɛhunu ne nsa ano nnwuma no mu dodoɔ no ara.

Ɔyikyerɛ Ahodoɔ (Exibitions)

[sesa]

Nhyiamu ahodoɔ: 2022. Certeza. Espacio SOLO - Colección SOLO (Madrid, Spain). Wɔ Sitting on the Sun (2019) mu. Ankorankora dwumadie: 2025. "Ɛnyɛ Anwonwasɛm Nti na Mebaa Mo Nkyɛn", Gagosian Gallery (London, UK).

Abasobɔdeɛ

[sesa]

Ɔgyee Jury abasobɔdeɛ, Walter Koschatzky Art Prize wɔ afe Mpem mmienu ne du nson (2017). Deɛ ɛtɔ ne STRABAG Art award International a ɔnyaeɛ wɔ afe Mpem mmienu ne du nson no mu ara.

Arte Dwa So

[sesa]

Mariane Ibrahim Gallery a ɛwɔ Chicago no na ɛgyina Boafo ananmu, na wɔ 2021 mu no, wɔtɔn ne Hands Up (2018) wɔ HKD ɔpepem 26.7 ($3.4 million) wɔ Roberts Projects wɔ Los Angeles. Wɔ Christie's wɔ Hong Kong.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1. https://www.gq-magazine.co.uk/culture/article/amoako-boafo-interview

2. https://hirshhorn.si.edu/news/press-release/hirshhorn-announces-over-80-acquisitions-by-48-modern-and-contemporary-artists/

3.https://i-d.co/article/amoako-boafo-is-nuancing-how-black-men-are-represented-in-painting/

4. https://web.archive.org/web/20231208091816/https://www.numero.com/fr/art/amoako-boafo-artiste-du-mois-nicolas-trembley-ghana-galerie-mariane-ibrahim

5.https://www.frieze.com/article/amoako-boafos-paintings-stare-back-you

6.https://time.com/collection/time100-next-2021/5937676/amoako-boafo/

7. https://web.archive.org/web/20210818173530/https://www.blueorigin.com/news/new-shepard-mission-ns-17-launch-updates

  1. {{citation}}: Empty citation (help)