Jump to content

Amandzeba Nat Brew

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amandzeba Nat Brew
Awo bereAccra, Ghana
OriginGhana
GenresHighlife
Instrumentsvocal
Years active1992–present
Associated acts

Amandzeba Nat Brew (wɔsan frɛ no Nat Brew (Amandzeba), ne Amandzeba), yɛ Ghana hai laif (highlife) dwomtoni. Amandzeba yɛ dwomtoni a ɔde Ghana kasa te sɛ Nkran, Fante ne Huasa di dwuma yie pa ara wɔ ne nnwomtoɔ mu.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ

[sesa]

Amandzeba wiee ne ntoasoɔ sukuu wɔ Christian Methodist Senior High School a ɛwɔ Nkran.[2]

Nnwomtoɔ dwumadie

[sesa]

Amandzeba bɛgyee din kane firii Nakorex Agofomma[3] a wɔtee no afe apem ahankron ne aduokron mmienu(1992) mu a na Akosua Agyapong ne Rex Omar ka ho bi. Amandzeba yɛ obi wagye din wɔ Ghana yie pa ara ɛnam ne nnwom wogbejeke.[4]

Wɔ nnwom wogbejeke nnkunimdie ho no, Nat Brew faa edin Amandzeba, nkyerɛaseɛ ne, “Amammerɛ Ba” anaa “ Amaneɛ Ba”, a na ɔderekyerɛ ne abibirem nkyi.[5] [6]Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu mu no, Amandzeba ne US agyinahyɛdeɛ bi a wɔfrɛ wɔn Jah Mikal Entertainment de wɔn nsa hyɛɛ nkrataa ase sɛ dwumadifoɔ de wɔn nnwom foforɔ ho nsɛm bɛtoo dwa ne ɔne US rappa (rapper), Micheal Morgan wɔn nkabɔm dwumadie wɔrebɛdi wɔ ne nnwom Wogbekeke nsasamu ho.[7]

Ɛwɔ saa bosome no ara mu no, wɔgyee Amandzeba too ayaresabea ɛnam kaar akwanhyia nti.[8]Kotonimma bosome wɔ mmfeɛ 2020 mu no, Amandzeba de nnwom foforɔ baa abɔten a na ɔderehyɛ ayarehwɛfoɔ ne nnipa wɔdii dwuma soronko animuonyam wɔ bere a yare kodiewu COVID-19 baaeɛ no mu.[9]

Amanyɔsɛm dwumadie

[sesa]

Amandzeba yɛ obi a odi akotene wɔ amanyɔsem mu, ɔne Ɔmanpanin John Mahama too nnwom wɔ mfeɛ mpem aduonu ne dunsia(2016) Ghana abatoɔ dawurubɔ mu[10]na ɔsan so kasa tia Abibiman Nkabɔmkuo( African Union) wɔ mfeɛ 2018 mu. Amandzeba etu ne ho asi hɔ sɛ ɔbɛtae amanyɔkuo biara wɔbetua ne dwumadie ho ka amanyɔ dwumadie.[11]

Awareɛ ne Mma

[sesa]

Amandzeba ne Akosua Agyapong waree bɛyɛ mfeɛ dunum(15) na mmom wɔnyɛ awarefoɔ bio.[12][13] Amandzeba wɔ mmɔfra nkron.[14]

Abasobɔdeɛ ne Nnwom.

[sesa]

Ne nnwom binom:

  • Dwo
  • Ama
  • Dede
  • Wogbe jeke( Wɔgbɛ jɛkɛ)[15]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Amandzeba Nat Brew, Biography (in English), retrieved 2026-05-25
  2. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/features/Is-Christian-Methodist-SHS-under-threat-561792
  3. Simon Broughton, Mark Ellingham, Jon Lusk, Duncan Antony Clark (2006), The Rough Guide to World Music: Africa & Middle East (in English), Rough Guides, ISBN 978-1-84353-551-5, retrieved 2026-05-23{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. Nat Brew The “Tradition Child” (in English), retrieved 2026-05-23
  5. The release of ‘Wogbejeke’ birthed my African identity – Amandzeba, retrieved 2026-05-23
  6. Amandzeba Nat Brew | Writers Project of Ghana, retrieved 2026-05-25
  7. Jah Mikal Signs On Amandzeba Nat Brew (in English), retrieved 2026-05-23
  8. "Amandzeba was forced to go to the hospital after car crash - Management", GhanaWeb (in American English), 2020-01-07, retrieved 2026-05-23
  9. Amandzeba releases COVID-19 song (in British English), 2020-05-15, retrieved 2026-05-23
  10. "Mahama performs "Wogbe Jeke" with Amandzeba at Akropong", GhanaWeb (in American English), 2016-10-28, retrieved 2026-05-23
  11. MyNewsGH (2020-09-19), I haven’t quit politics – Amandzeba Nat Brew (in American English), retrieved 2026-05-23
  12. My marriage to Akosua Agyepong died because I failed to call in 10 days - Amandzeba (in English), retrieved 2026-05-25
  13. My marriage to Akosua Agyepong died because I failed to call in 10 days - Amandzeba - MyJoyOnline (in American English), 2015-03-10, retrieved 2026-05-25
  14. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/Nat-Brew-Is-Father-Of-Nine-192048
  15. "'Wogbe Jeke' is a gospel song - Amandzeba explains", GhanaWeb (in American English), 2024-04-01, retrieved 2026-05-25