Jump to content

Amammuo

Ɛfi Wikipedia

Amammuo yɛ sɛ nnipakuo bi anaa ɔman bi baanodafoɔ  regyina nhyehyɛeɛ bi a ɛwɔ hɔ firi tete so atoto ɔman no nneɛma. Ɔtoa so kyerɛ mu sɛ, nneɛma a ɛkeka bom ma amammuo wie pɛ yɛ no bi ne sɛ ɔman no refa  akwan ahodoɔ so ayi wɔn baabodafoɔ- sɛ ebia wɔbɛto aba anaa wɔbɛgyina nhyehyɛeɛ bi a ɛwɔ hɔ so ayi wɔn baanodafoɔ. Nneɛma a ɛkɔ so wɔ amammuo mu no bi nso ne sɛ ɔmanfoɔ nam mmara kwan so bɛhwɛ ahunu sɛ wɔn baanodafoɔ no reyɛ deɛ ɛsɛ-(checks and balances). Akwan a ahodoɔ a wɔfa so sesa amammufoɔ nso ka nneɛma a ɛkɔ so wɔ amammuo mu no ho [1].

Ammammuo Nkyekyɛmu

[sesa]

Amammuo ahodoɔ mmienu a agye nterɛha wɔ Abibiman mu ne Ghana no yɛ mmienu. Yɛwɔ kabimamenkabi ammuo(Democracy) ɛna yɛwɔ deɛ ɛyɛ kankabi ammammuo (autocracy). Deɛ ɛnyɛ na no ne Kabimamenkabi amammuo no.

amaammuo yɛ sɛ nkorɔfoɔ bi a wɔwɔ aban mu ne ankorɛankorɛ reka abom de asom ɔman no. Saa nkyerɛmu yi nnyinasoɔ ne sɛ, amammuo nyɛ ɔman mpanimfoɔ nko ara asɛdeɛ, ɔman ba biara wɔ asɛdeɛ wɔ amammuo mu.

Nkyerɛmu a ɛdi kan no ka abɛɛfo ammmuo ne tete deɛ nyinaa bom, ɛna deɛ ɛtɔ so mmienu no Kasa fa abɛɛfo deɛ no nko ara ho [2]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. B. Guy Peters, Jon Pierre (2000-03-01), "Citizens Versus the New Public Manager: The Problem of Mutual Empowerment", Administration & Society (in English), vol. 32, no. 1, pp. 9–28, doi:10.1177/00953990022019335, ISSN 0095-3997, retrieved 2025-08-04
  2. Defining governance | Mo Ibrahim Foundation (in English), retrieved 2025-08-04