Amakye Dede
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amakye Dede a ne din ankasa ne Dan Amakye Dede yɛ Ghana hilife nwontoni. Wɔwoo no ɔpɛpɔn bosome no ɛda a ɛtɔ so nnum,afe apem ahankron aduonum nwɔtwe wɔ Asante-Akyem Agogo a ɛwɔ Asante mantam mu.Ɔyɛ nipa titire wɔ ɔman Ghana ne wiase afanaa nyinaa ɛsiane ne nwontoɔ nti.[1]Na ɔwɔ ahotɛdin sɛ "Iron boy" ne "Aberanteɛ".[2]
N’adwuma
[sesa]Amakye Dede hyɛɛ ne nwontoɔ adwuma ase wɔ afe 1973 mu berɛ a ɔde ne ho kɔbɔɔ “Kumapim Royals" kuo a na Akwasi Ampofo Agyei yɛ ɔdikanfo no. Berɛ a na ɔwɔ saa kuo no mu no, na ɔde nwom "Abɛ bi rebɛwu a na ɛso ne Ɔhɔhoɔ batani" baa abɔnten. Saa nnwom yi yii no puee ntɛm maa nnipa nyinaa hunuu no. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ne nwontoɔ adwuma no bɛkɔ so nti, ɔtu kɔtenaa Nigeria. Na ɛhɔ na ɔde ne nwom baako a ɛbɛgyee din paa "Jealousy go shame" baa abɔnten.[3]
Wɔ afe 1980 mu no, Amakye Dede tee ɔno ara ne nwontoɔ kuo a ɔtoo no din sɛ "The Apollo High Kings". Wɔ afe 1980 ne 1990 no mu hɔ no, ɔmaa hilife bɛgyee nhini wɔ ɔman Ghana mu. Na saa anamɔntuo yi na ɔde nwom apaawa bɛyɛ aduonu baa abɔnten saa berɛ no. Ɛno maa ɔbɛyɛɛ nipa kɛseɛ wɔ nwontoɔ adwuma no mu. Mmerɛ rekɔ n’anim no, ɔde soca, calypso, lovers rock ne pop bɛkaa ne nwontoɔ adwuma no ho.[4]
Ne Nwom Ahodoɔ
[sesa]- Iron boy
- Siesie baabi twɛn me
- Ɔda da baabi
- Dabi dabi
- Ɔkyena sesɛɛ
- Sokoo na mmaa pɛ
- M’ani agyina wo
- Mefre wo
- Handkerchief
- Nsuo Amuna
N’abrabɔ
[sesa]Sɛ wokɔ Amakye Dede kuro mu a ɛyɛ Asante-Akyem Agogo a wanya animuonyam wɔ hɔ a wɔayɛ no nhenfo mpaninfoɔ no mu baako. Bio, ɔsan wɔ beaeɛ a nnipa gye wɔani wɔ Nkran a wato no din sɛ "Aberanteɛ Spot". Afei wasan de kuadwuma aka n’abrabɔ ho a ɔwɔ "fish pond" kɛseɛ wɔ Agogo.[5]
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Amakye Dede (in English), retrieved 2025-07-16
- ↑ Chris Ndetei (2023-11-08), Amakye Dede's full biography: Everything to know about the Ghanaian musician - YEN.COM.GH (in English), retrieved 2025-07-16
- ↑ Amakye Dede Profile and Discography | African Music Library, retrieved 2025-07-16
- ↑ Amakye Dede, Biography, retrieved 2025-07-16
- ↑ From successful music career to farming, the story of Amakye Dede | Daily Agric News (in British English), 2022-12-19, retrieved 2025-07-16