Jump to content

Albert Opoku Mawere

Ɛfi Wikipedia

Albert Mawere Opoku wɔwoo no afe apem ahankron ne dunum de kosi mfirihyia mpem mienu (1915-2022). Na ɔyɛ Gaanani a ɔkyerɛ asaw, ɔka ban (painter) na ɔyɛ obi a onim asaw yiye.[1] Ne nyinara akyiri no,  na ɔyɛ onimdefo pa ara a wasua nwoma akɔ anim. Na afei nso, ɔno ne nipa a odii kan de Abibiman asaw akyerɛkyerɛ kɔɔ Ghana Suapɔn University of Ghana mu. Na ɔsan yɛ ɔkwankyerɛfo a ɔda ɔman Ghana asaw kuw (Ghana National Ensemble) a nankasa tewee no ano.

[2][3][4]

N'abrabɔ Ahyɛse ne N'adesua

[sesa]

Wɔwoo Opoku wɔ Obubuo 13, 1915 maa Asante adehyeɛ abusua no. Na ne papa Mawere Opoku yɛ Asantehene Kyeame. Ne maame Yaa Bempomaa yɛ obi a na  wabene wɔ anansesɛmto mu na wagye din yiye. Na maame yi san yɛ Asantehene Akyeampanyin Kwesi Numah nuabea. Ne saa nti na Opoku yɛ Daakyehene mapa. Eyi maa wɔhyɛɛ ase kyerɛkyerɛɛ no amammerɛ ne amanneɛ firii ne mmɔfra ase. .[1] Opoku hyɛɛ ne sukuu ase wɔ Ɔsɛikrom aban sukuu no mu wɔ afe apem ahankron aduonu biako (1921) na ɔtoaa so de wiee wɔ afe apem ahankron ne aduasa biako (1931). Ɔsan toaa so wɔ Achimota Kɔlegyi a wɔtete akyerɛkyerɛfo firi apem aha nkrɔn aduasa biako de kɔsii mpem ahankron aduasa nan(1931-1934).[1][5] .[5]

Ɛnam nkuranhyɛ a ɔnya fii Opanin H.V Meyerowitz hɔ nti osii n'adwene pi sɛ ɔbɛsan atoa so wɔ Achimota nteteebea a wɔsua sɛnea nnipa de n'adwnene saasaa biribi no. Ɛhɔ no, osuaa abɔde mu afɛfɛde ne sɛnea wɔka biribi bi  (painting ) anaa wɔsiesie ho ma ɛyɛ fɛ.[5] Wɔ 1944 mu no, ɔnyaa akwanya wɔ Ngyiresi Ɔhemaa kurom London suapɔn a wɔma nteteɛ wɔ nsa ano dwuma yɛ mu(Cambwell).[6][7]

[8]School of Art and Craft, saa bere no nyinaa na Ɔpanyin Meyirovitz ara na ɔboa no sikasɛm mu. Wɔ London hɔ no ɔnyaa akwannya ahorow pii wɔ suapɔn a wɔkyerɛ kyerɛ nsaanodwuma ne wɔn a wɔwɔ adom akyɛde a wɔde saasaa biribi ma no di mu wɔ nimdie kwan so. 1952 mu no , onyaa nimdie suahunu wɔ asaw mu, na afei dɔm anim gyina a fɛre nni mu wɔ Jiliad ne Martha Graham suapɔn mu.

N'adwumayɛ

[sesa]

Wɔ 1952-1957 mu no Opoku kɔkyerɛɛ ade wɔ Kumasi Kɔlegyi a wnam abɛɛfo kwan so sua ade mprenpren yi Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Ɛhɔ no, ɔkyerɛkyerɛ nimdeɛ a ɛfa adomakyɛde a wɔde nwono ade saasaa nsɛm ahorow no. Wɔ afe apem ahankron aduonum mien (1952) mu no, Ghana mampanyin dedaw Ɔsagyefo Dɔkota Kwame Nkrumah ne Obroni a saa bere no ɔhwɛ Jamaica man no asaw so (Rex Mettleford) yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔman Ghana nso nya asaw ahorow mu kuw. Enti wɔde hyɛɛ Opoku nsa sɛ ɔnhwɛ na ɔnkunkyire Ghana kasahorow no nyinaa asaw ngu nkrataa so.  Na wɔde Ɔbenfo J. H Nketia kaa ne ho sɛ ɔnhwɛ ma saa dwumadie no nkɔ so. [9] [10][11]

Animmuonyamhyɛ ne N'abasobɔ.

[sesa]

Wɔ 1975, ɔmampanyin Acheampong abere so no, wɔbɔɔ no aba so sɛ wako nkoden ama ne man(Grand Medal Civil Division).[12]

Beaeɛ a Mmoa Firi

[sesa]
  1. 1.0 1.1 1.2 schauert, paul (2011-01-01), Akyeampong, Emmanuel K; Gates, Henry Louis (eds.), "Opoku, Albert Mawere", Dictionary of African Biography (in English), Oxford University Press, doi:10.1093/acref/9780195382075.001.0001, ISBN 978-0-19-538207-5, retrieved 2022-04-02
  2. Green, Doris. "The Making of an African Dance Teacher". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-04-02.
  3. Green, Doris (2018-06-05). "The Creation of Traditional African Dance/Music Integrated Scores". Journal of Movement Arts Literacy Archive (2013-2019). 4 (1). ISSN 2328-3602.
  4. Green, Doris. "Why I Challenge Doctoral Degrees In African Music And Dance". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-04-05.
  5. 5.0 5.1 5.2 Vieta, Kojo T. (1999). The Flagbearers of Ghana: Profiles of One Hundred Distinguished Ghanaians (in English). Ena Publications. ISBN 978-9988-0-0138-4.
  6. Vieta, Kojo T. (1999). The Flagbearers of Ghana: Profiles of One Hundred Distinguished Ghanaians (in English). Ena Publications. ISBN 978-9988-0-0138-4.
  7. Vieta, Kojo T. (1999). The Flagbearers of Ghana: Profiles of One Hundred Distinguished Ghanaians (in English). Ena Publications. ISBN 978-9988-0-0138-4.
  8. Akyeampong, Emmanuel Kwaku; Gates (Jr.), Henry Louis (2012-02-02). Dictionary of African Biography (in English). OUP USA. ISBN 978-0-19-538207-5.
  9. "Ghana Dance Ensemble | Institute of African Studies | University of Ghana". ias.ug.edu.gh. Retrieved 2022-04-02.
  10. Russonello, Giovanni (2019-03-19). "J.H. Kwabena Nketia, 97, Pre-eminent Scholar of African Music, Dies". The New York Times (in American English). ISSN 0362-4331. Retrieved 2022-04-02.
  11. Schauert, Paul (2015). Staging Ghana: Artistry and Nationalism in State Dance Ensembles. Bloomington IN: Indiana University Press. ISBN 978-0-253-01742-0.
  12. Akyeampong, Emmanuel Kwaku; Gates (Jr.), Henry Louis (2012-02-02). Dictionary of African Biography (in English). OUP USA. ISBN 978-0-19-538207-5.