Akyiwadeɛ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
kyiwadeɛ yɛ nneyɔeɛ bi a nnipakuo bi susu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.[1]
Akanfoɔ Akyiwadeɛ
[sesa]Akanfoɔ Akyiwadeɛ yɛ nneyɔeɛ bi a Akanfoɔ sussu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ anaa nsɛm bi a ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ano bɔ so. Wɔsusu sɛ obi yɛ saa nneyɔeɛ no a, ɛho asotweɛ tumi ba deɛ ɔreyɛ no anaa ɔmanmu no nyinaa so.[2]
Akyiwadeɛ Ahodoɔ
[sesa]Yɛwɔ Akyiwadeɛ ahodoɔ atitire mmienu. Ɛnonom ne;
Akyiwadeɛ a yɛde yɛn ano ka
Nneyɔeɛ fam akyiwadeɛ[3]
Deɛ yɛde yɛn ano ka no bi ne sɛ ebia, obi de obi foforɔ yadeɛ bɛsere no, sɛ obi bɛdi obi atɛm, sɛ obi bɛbɔ honam akwaadɔm bi a yɛmmɔ din wɔ nipa mu, sɛ obi bɛbɔ ɔpanin bi dinweɛ, sɛ obi bɛka ntam ne deɛ ɛkeka ho.[4]
Nneyɔeɛfam akyiwadeɛ no nso, yɛnya bi wɔ nna mu ne daadaa asetena mu nneyɔeɛ mu. Ebi ne sɛ, yɛredidi a yɛnkansa, yɛredware a yɛnto dwom, adeɛ sa a, yɛmmɔ hwerɛma, yɛmfa ɔbaa wɔ nwura mu, yɛmfa ɔbaa a wabu ne nsa, yɛmfa ɔbaa wɔ nsuo mu, yɛmfa ɔbaa wɔ petee mu, ɔbaa a wabu ne nsa mmɛn ɔhene ne ade.[5]
Akyiwadeɛ ho Asotwe
[sesa]Asotwe pii na sɛ obi bu saa mmara yi bi so a, wɔtumi de ma no. Akanfoɔ gye di sɛ aotweɛ no bi yɛ bonhom mu deɛ. Sɛ obi bu mmara bi te sɛ yɛmfa ɔbaa wɔ wuram so a, ɛho asotwe tumi ba ɔman mu no nyinaa so. Sɛ ebia, nso ntɔ, ɛkɔm bɛba ne ade. Ɛbi nso ho asotweɛ ba onipa no ankasa so. Sɛ ebia, obi redware na sɛ dwom a, ne maame bɛwu. [6]
Baabi a Mmoa Firi
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-18
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-18
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-18
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-18
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-18
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-18