Jump to content

Akyekyedeɛ Akyi

Ɛfi Wikipedia

Akyekyedeɛ Akyi yɛ ntoma bi din. Saa nsɛm yi yɛ ɛbe bi a woatwa no tia a ne tenten mu ne sɛ, "huruiɛ si akyekyedeɛ akyi a, ɔsi hɔ kwa".[1] Ɛne sɛ, sɛ yɛhwɛ a akyekyedeɛ yɛ aboa bi a n'akyi yɛ den pa ara te sɛ ɛboɔ, ɛno nti sɛ huruiɛ yi si n'akyi a ɔsi hɔ kwa ɛfiri sɛ ɔnya aduane biara nni, ɔntumi nka n'akyi nso.[2]

Ɔkwan bi so no ntoma yi din bɛtumi akyerɛ sɛ nea obi bɛyɛ biara no ɛmfa ne ho, ɛnka no mpo na ayɛ no ya. Sɛ ɔbaa bi te fie bi mu na fie hɔfoɔ ne no nya asɛm na sɛ ɔfira saa ntoma yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔde reka biribi akyerɛ wɔn sɛ hwee mfa ne ho na sɛ wɔyɛyɛyɛ a wɔbɛgyae. Na ɔno ankasa no biribiara ntumi no.[3]

Baabi a enyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Akesse Sanza (2021-06-23), Akyekyede Akyi: Colorful African print with a motivating power (in American English), retrieved 2025-09-03
  2. Akyekyede3Akyi Checked Shirt - Gamel Clodin (in American English), retrieved 2025-09-03
  3. English Translation of "akyekyedeɛ" | Twi-English Dictionary | LEARNAKAN (in American English), retrieved 2025-09-03