Akwasidae Afahyɛ
Akwasidae Afahyɛ (anaasɛ, Akwasiadae ) no yɛ afahyɛ a Ashantifoɔ, ne ahemfo a wɔwɔ Asanteman [1] [2]mu, ne asantefoɔ a wɔwc amanɔne no die. Wodi afahyɛ no Kwasiada, pɛnkorɔ wɔ nnapɛn nsia biara mu. [2] [3]
Sɛnea wɔhyɛ fa no
[sesa]Wɔ Akan nnabupono so no, wɔakye afe no mu ama abosome nkron,,na bosome biara yɛ bɛyɛ nnapɛn nsia, a nna aduanan anaa aduanan mmienu na ɛwɔ mu; wɔfrɛ saa bere yi afahyɛ no Adae Afahyɛ . Adae Afahyɛ no gu mu ahodoɔ mmienu: wɔdi Akwasidae Afahyɛ no Kwasiada a ɛtwa toɔ wɔ berɛ no mu, ɛna wɔdi Awukudae Afahyɛ no Wukuada wɔ Akan bosome no mfinfini. Efiada a edi nnafua du (10) anim ansa na Akwasidae aduru no, wɔfrɛ no Fofie (a ɛkyerɛ sɛ amanneɛ Fiada). Ɛnam sɛ wɔhyɛ afahyɛ no Kwasiada nkoaa nti no, ne sanba no betumi ayɛ nnafua aduanan (40), anaa aduanan mmienu (42) akyi, sɛnea Asantefoɔ nnabupono no kyerɛ no. Wɔ afe no mu Akwasidae a etwa toɔ, a ɛne Adae Kɛse Afahyɛ no hyia no mu no, wɔde wɔn ani kɔ nnuane afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde bɛboa nkurɔfoɔ so. Adae Kese Afahyɛ no ne afahyɛ a ɛsõ paa ara wɔ Asanti amammerɛ mu. Adae Kese Afahyɛ no fa dwira a wɔdwira Sikadwa Kofi no ho. [4] Adae afahyɛ ahodoɔ no nyɛ nea wɔtumi sesa, efiri sɛ nananom na wɔde sii ho firi tete.[5] .
Nneyɔeɛ Ahodoɔ
[sesa]Amanneɛ ahodoɔ a wɔyɛ wɔ saa da yi no fa anidie a ankorankorɛ ne mpɔtamo hɔfoɔ de ma wɔn nananom no ho. Nhyiamu bi a wɔfrɛ no Akom, a ntwenebɔ, asa ne nnwomtoɔ kɔ so de hyɛ Abosom (anyame nketewa wɔ Akanfoɔ atetesɛm mu) ne Nsamanfoɔ (nananom nsamanpa) animuonyam. [5] Aduane a wɔde ma no bi ne nnuane titire bi te sɛ etɔ (Afrika bayerɛ a wɔafufu), a wɔde nkosua a wɔanoa asiesie soɔ. Asanteni biara di saa afahyɛ yi. [7] .Ashantifoɔ a wɔnni Odwira afahyɛ no, Akwasidae no ho hia ma wɔn yie, efiri sɛ wɔdekae wɔn nananom. [8] .
Saa da yi, Asantehene no hyia ne manfoɔ, ne n'ahemfo atitire, ne n'apamfo wɔhyɛ n’ase wɔ Manhyia Ahemfie adihɔ . [6] [7] Wɔde Sikadwa Kofi (ahenwa) no kyerɛ wɔ ahemfie hɔ wɔ ɔhene no anim, na nnipa pii kɔ hɔ, kɔto nnwom di asa [11] [8] Ɔhene no bɔ dwa wɔ saa afahyɛ dapɔnda yi mu, na nkurɔfoɔ nya akwanya sɛ wɔbɛkyea ne nsam. [9] Ansa na ɔhene no bɛbɔ dwa no, ɔtena n'apakan a wɔde sikakɔkɔɔ asiesie no mu, di santene no anim kɔ adwabɔ no ase. Na ɔde n'ani hwɛ santene fɛɛfɛ a wɔato wɔ ahenboboano hɔ, akyerɛma, asafoɔ akuokuo ahodoɔ, wɔn a wɔhyɛne aben, ne nnwomtofoɔ ka ho no. [10] Esiane sɛ ɛyɛ afahyɛ a wɔde obuo ma nananom nti, ɔhene no kɔsra Bantama Amusieɛ hɔ kɔsom, ɛnyɛ ne nananom nkonwa nko, na mmom wɔn nankɛsɛ nso. [10] W
ɔkyerɛ sɛ, ɔhene no nsom nananom ne nkonwa no, na emom, ɔde anidie na ɛma wɔn.
Hwɛ wei nso
[sesa]Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- "Festivals in Ghana" www.ghanaweb.com. Retrieved 27 December 2011.
- "Akwasidae of the Akans?" Retrieved 2020-02-26.
- "Festivals & Events in Ghana" TransAfrica. Archived from the original on 2020-02-25. Retrieved 2020-02-26.
- "Manhyia Palace" Ghana Nation.com. Archived from the original on 16 October 2012. Retrieved 24 November 2012.
- Aidoo, Kwame, "Celebrating Akwasidae with the Ashanti People of Kumasi, Ghana" Culture Trip. Retrieved 2020-02-26.
- Pierre 2004, p. 55.
- ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - 1 2
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - ↑
{{cite web}}: Empty citation (help) - 1 2
{{cite web}}: Empty citation (help)